Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/08 kr. 1
  • Yebesua Abusua mu Anigye Nhoma No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yebesua Abusua mu Anigye Nhoma No
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 7/08 kr. 1

Yebesua Abusua mu Anigye Nhoma No

1 W’ani begye sɛ wubehu sɛ efi August 4, 2008 dapɛn no kosi March 16, 2009 dapɛn no mu no, yebesua Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Ɛnsɛ sɛ obiara ma kuw adesua a ɛfa abusua asetra a anigye wom ho akwankyerɛ a egyina Kyerɛwnsɛm so a mfaso wɔ so yi pa ne ti so. Adesua no ho nhyehyɛe no bɛma wɔatumi ahwehwɛ nkyekyɛm ne kyerɛw nsɛm biara a ɛwɔ nhoma no mu yiye.

2 Yebesua ti a edi kan no nyinaa wɔ dapɛn a edi kan no adesua no mu, esiane sɛ kyerɛw nsɛm a wɔmfaa emu nsɛm nkae kakraa bi pɛ na ɛwom nti. Nanso, wɔbɛkyɛ ti a aka no nyinaa mu abien anaa abiɛsa. Enti, yebenya bere pii akenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so wɔ nkyekyɛm biara mu no nyinaa asusuw ho, na yɛahwehwɛ sɛnea yɛde kyerɛw nsɛm a wɔafa mu nsɛm aka no bedi dwuma no mu yiye. Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nea yebesua dapɛn biara no nyɛ adwuma.

3 Adesua no fã bi a ɛho hia bɛyɛ adesua asɛm no a yebesusuw ho wɔ nsɛmmisa a wɔde tĩ nsɛm mu a ɛwɔ adaka a ɛwɔ ti biara awiei no mu no. Enti, ɛsɛ sɛ wogyaw bere pii ma nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a ɛwɔ adaka no mu a yebesusuw ho no.

4 Yɛhyɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo nkuran sɛ wonnya bere nsiesie wɔn ho yiye mma adesua no, na wɔnhyɛ obiara a ɔwɔ wɔn kuw mu, a wɔn a wɔyɛ foforo ka ho, nkuran mma wonsiesie wɔn ho yiye, wɔmmra daa, na wonnya mu kyɛfa.—od-TW 69-71.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena