Ɔfã 4—Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom
Afoforo a Wɔnyɛ Adansefo Ayi a Yɛbɛkɔ
1. Sɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo to nsa frɛ yɛn wɔ wɔn ayi ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?
1 Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 15, 2002, Ɔwɛn-Aban mu no, ayi a wɔyɛ wɔ asɔredan mu, kurow bi mu anaa akuraa bi ase, a atoro som amanne batabata ho a obi bɛkɔ no yɛ aniberesɛm paa. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ayi a wɔyɛ wɔ asɔredan mu no yɛ ɔsom mu adeyɛ a ɛda adi sɛ wɔbɛka nsɛm bi te sɛ onipa kra a enwu da ne nnipa pa nyinaa a wɔkɔ soro a ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so no wɔ hɔ. Apɛsi, nyamesom nnwom ahorow a wɔto, mpae a wɔbɔ ma nananom a wɔawuwu, mmoa a wɔde bɔ afɔre, nsa a wogu, ne abosonsom amanne afoforo pii wɔ hɔ a ɛtaa kɔ so wɔ ayi a ɛte saa ase.
2. (a) Sɛ Kristoni busuani a ɔbɛn no paa wu a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahwɛyiye kɛse? Ma nhwɛso. (b) Dɛn na Kristoni betumi ayɛ na wamfa ne ho anhyɛ ayiyɛ ho amanne a ɛyɛ abosonsom mu?
2 Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛbɛyɛ nhyɛ sɛ abusuafo a wɔbɛn paa no de wɔn ho hyɛ ayiyɛ ho amanne titiriw bi mu. Sɛ nhwɛso no, wobetumi ahwɛ kwan sɛ Kristoni barima a ɔyɛ abakan no bɛyɛ ayi ho amanne ahorow bi a ennyina Kyerɛwnsɛm so ama ne papa a ɔnyɛ Ɔdansefo no. Nhwɛso foforo nso ne sɛ, ebia wɔbɛhwɛ kwan sɛ Kristoni bea bi de ne ho bɛhyɛ ayiyɛ ho amanne ahorow a ɛyɛ abosonsom mu bere a ne kunu awu no. Wɔ tebea a ɛtete saa mu no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ paa na yɛamfa yɛn ho anhyɛ adeyɛ a ɛnteɛ mu. Ɛda adi pefee sɛ ɛho nhia sɛ yɛtwɛn ma obi wu ansa na yɛama abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no ahu yɛn gyinabea. Sɛ wodi kan hu nea yegye di a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda Kristofo su pa adi bere a yɛn biribi awu ama yɛn ho yeraw yɛn, na afoforo hyɛ yɛn so no.
3. (a) Sɛ Kristoni te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ obi a ɔnyɛ Ɔdansefo ayi a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ obisa ne ho? (b) Sɛnea 1 Korintofo 8:12, 13, kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn sen abusuafo a wɔnyɛ gyidifo a yɛbɛyɛ ade ma ahaw wɔn no?
3 Na sɛ Kristoni bi te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ ne yɔnko dwumayɛni, obusuani, anaa ofipamfo a ɔnyɛ Ɔdansefo ayi nso ɛ? Ɛnde obetumi abisa ne ho sɛ: ‘So ɛbɛyɛ den sɛ meremfa me ho nhyɛ atoro som nneyɛe mu bere a afoforo a me ne wɔn wɔ hɔ nyinaa reyɛ bi no? So ɛhɔ a mɛkɔ no bɛhaw afoforo a me ne wɔn wɔ asafo no mu no ahonim? (Mat. 18:6) So ɛhɔ a mɛkɔ no bɛma akasakasa asɔre wɔ me ne wɔn a wɔnte nea enti a memfa me ho nhyɛ adeyɛ a ɛte saa mu ase no ntam?’ Nea ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne sɛnea ɛhɔ a yɛbɛkɔ no bɛka yɛn ahonim. Yɛn ahonim a ebia ɛbɛhaw yɛn anaa afoforo de a ɛbɛhaw wɔn no bɛsen mfaso a sɛ yɛkɔ ayi a ɛte saa ase a yebenya no koraa.—Fa toto 1 Korintofo 8:12, 13 ho.
4. (a) Sɛ obi hu sɛ wobetumi atwetwe no ma ɔde ne ho ahyɛ atoro som nneyɛe mu a, gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ osi? (b) Sɛ obi wu a, bere bɛn na ebinom ahu sɛ eye sɛ wokogyam abusua a ade atɔ wɔn ani no na wɔboa wɔn kyekye wɔn werɛ? Dɛn ntia?
4 Na sɛ obi hu sɛ ayi bi ase a ɔbɛkɔ no bɛma ɔde ne ho ahyɛ nneyɛe a ɛne Kristofo gyidi nhyia mu anaa ɛbɛto afoforo hintidua anaa ɛbɛma akasakasa aba ɔne wɔn a wɔnyɛ Adansefo no ntam nso ɛ? Eyi mu biara nti, ɛbɛyɛ papa sɛ nokware Kristoni renkɔ ayi a ɛte saa ase. Sɛ obi ahonim nti, ɔyɛ n’adwene sɛ ɔrenkɔ a, ɛnsɛ sɛ asafo no muni biara kasa tia no anaa ɔma ɛhaw no. Ebinom asi gyinae sɛ wɔbɛkɔ akɔsra abusua a ade atɔ wɔn ani no ansa na ayi no adu so, anaa bere a ayi no atwam no. Wɔ bere a ɛte saa mu no, ebia na abusua a wɔn biribi awu no ani so ada hɔ ma enti wɔbɛpɛ sɛ wotie nea Bible no ka. Ebia sika fam mmoa a yɛn ankasa de bɛma saa bere no bɛboa abusua no. Sɛ yedi kan susuw bere a yɛde mmoa ne awerɛkyekye bɛma no ho a, ebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ honhom fam, na yenim sɛ abusua no ani bɛsɔ nea yɛde bɛma wɔn no paa.
5. (a) Nnipa pii bu ayiyɛ dɛn? (b) Dɛn na ebinom ka de kyerɛ nea enti a wosusuw sɛ ehia sɛ wɔkɔ ayi pii no?
5 Bu Asiane a Ɛwom no Aniberesɛm: Nnipa pii bu ayiyɛ sɛ bere a wonya hokwan ne afoforo hyia na wodi nnuan a wɔde ba ase no na wɔnom nsa nso. Ebinom bu ayi ase a wɔbɛkɔ akohu afoforo na afoforo nso ahu wɔn no sɛ ade a ɛho hia paa. Enti sɛ wɔankɔ a, ebia ɛbɛhaw abusua a ade atɔ wɔn ani no yiye. Ebinom mpo te nka sɛ sɛ wɔantaa ankɔ afoforo ayi a, wɔn ayi remma! Eyi nti, nkurɔfo taa kɔ ayi abien, abiɛsa, anaa nea ɛboro saa wɔ dapɛn awiei. Wotumi yɛ eyi ɛmfa ho sɛ ebia wonnim nea wawu no anaa abusua no yiye no. So adwene a ɛte saa a yɛde bɛkɔ ayi ase no ne Onyankopɔn adwene hyia?
6. (a) Kenkan Efesofo 5:15, 16. Ɔkwan bɛn so na ayi pii a yɛbɛkɔ no bɛka ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no? (b) Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛbɛsoma abusua no muni bi nkutoo ma wakɔ ayi?
6 Sɛ́ Yehowa nokware asomfo no, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea ayi ase a yɛbɛtaa akɔ no bɛka yɛn som a yɛde ma Onyankopɔn no ho. So ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde bere pii bɛkɔ ayi wɔ dapɛn awiei mu bere a yennya bere pii mfa nyɛ asɛnka adwuma anaa teokrase dwumadi afoforo no? (Efe. 5:15, 16) Esiane sɛ nneyɛe a ɛne Kristofo gyidi nhyia te sɛ, asanom bebrebe ne ɔbrasɛe ahyɛ ayi a wɔyɛ no wiase no mu ma nti, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So nyansa wom sɛ yɛn nkutoo betu kwantenten akɔ ayi wɔ kurow anaa akuraa bi ase, anaa yɛbɛsoma yɛn aware mu hokafo anaa abusua no muni bi nkutoo ma wakɔ?’ Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma yɛn ani da hɔ wɔ asiane ahorow a ebetumi afi yɛn ho a yɛde bɛhyɛ ayiyɛ ho amanne ahorow a ɛnsɔ Yehowa ani mu aba no ho, efisɛ eyi betumi asɛe yɛn honhom fam nkɔso anaa yɛn Kristofo nipasu.—Adi. 18:4.
7. Ɔkwan bɛn so na ebinom abu wɔn ani agu afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 22:3 no so?
7 Bere koro no ara no, Kristofo a wɔamma wɔn ani anna hɔ no abu wɔn ani agu asiane a ɛwom no so, na wɔde wɔn ho ahyɛ nneyɛe bɔne mu. Ebinom ahwere ɔsom hokwan ahorow a wɔwɔ na wɔatu ebinom nso afi Kristofo asafo no mu. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.” (Mmeb. 22:3) Ɛsɛ sɛ nnyinasosɛm yi ho ntease a yebenya ne asiane a ɛwɔ ayi a ɛte saa a yɛbɛkɔ mu a yebesusuw ho no ka yɛn ma yɛyɛ ahwɛyiye bere a yɛresusuw ho sɛ ebia yɛbɛkɔ wɔn a wɔnyɛ Adansefo ayi anaa yɛrenkɔ no.
8. (a) Dɛn ne “ayi kuw”? (b) Dɛn nti na ɛremfata sɛ nokware Kristofo de wɔn ho bɛhyɛ kuw a ɛte saa mu?
8 Wɔ mmeae bi no, anuanom de wɔn ho akɔdɔm “ayi akuw.” Nnipa a wɔka kasa koro na wɔtaa kɔdɔm akuw yi. Wotwa tow ma emufo no a atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛboa bere a kuw no muni bi awu no. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔdɔm kuw no bɛboa wɔn ho na wɔakɔ ayi bere a emuni bi awu no. So nyansa wom sɛ yɛbɛdɔm kuw a ɛte saa? Wɔ akuraa bi ase no, onuawa bi de ne ho kɔhyɛɛ kuw a ɛte saa mu a na n’awofo nnim ho hwee. Bere a onuawa no wui no, kuw no mufo pii bae bɛbɔɔ akyene, too dwom, na wɔsawee. Ɛwom sɛ abusua no bɔɔ mmɔden sɛ wobedi tebea no ho dwuma de, nanso ankyɛ na egyee nsam, na ɛhaw awofo no ne Kristofo a wɔbae no. Ɛsɛ sɛ nim a yenim sɛ fekubɔne a ɛte saa no betumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam no boa yɛn ma yehu sɛ nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho hyɛ akuw a ɛte saa mu.—1 Kor. 15:33.
Nea Kyerɛwnsɛm no Ka no mu Da Hɔ na Ntease Wom
9. (a) Ɔkwan bɛn so na 1 Korintofo 10:21 si aniberesɛm a ɛwɔ ayiyɛ ho amanne a ɛyɛ abosonsom a obi de ne ho bɛhyem no so dua? (b) Sɛ asafo no muni bi bu n’ani gu afotu a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa ayiyɛ ho no so na ɔde ne ho hyɛ ayiyɛ ho amanne a ɛyɛ abosonsom mu a, dɛn na ebefi mu aba? (d) Kenkan Deuteronomium 18:9-13; Yeremia 7:16-19. Yehowa tee nka dɛn bere a Israel man no de wɔn ho hyɛɛ adeyɛ a ɛte saa mu no?
9 Wɔka kyerɛ yɛn wɔ 1 Korintofo 10:21 sɛ: “Muntumi nnya kyɛfa wɔ ‘Yehowa pon’ so ne adaemone pon so.” Onyankopɔn nkurɔfo bu kɔkɔbɔ yi aniberesɛm paa. Sɛ asafo no muni bi abusuafo anaa afipamfo a wɔnyɛ Adansefo ma ɔde ne ho hyɛ ayiyɛ ho amanne a ɛyɛ abosonsom mu nso a, dɛn na ebefi mu aba? Sɛ onii ko no de ne ho hyɛɛ abosonsom nneyɛe anaa gyidi afrafra mu a, wobebu nea ɔyɛe no sɛ ɔwae, na wɔbɛhwɛ sɛ wɔbɛma asafo no ho atew.—Deut. 18:9-13; Yer. 7:16-19.
10. (a) Sɛnea Dwom 97:10 kyerɛ no, ɛsɛ sɛ yebu ayiyɛ ho amanne a ɛkyerɛ sɛ awufo nim nea ɛrekɔ so no dɛn? (b) Sɛnea 1 Korintofo 10:32, 33 kyerɛ no, dɛn nti paa na ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ amanne a ɛte saa mu?
10 Nya Owu ho Adwene a Ɛkari Pɛ: Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya adwene a ɛkari pɛ wɔ owu ne ayiyɛ ho amanne ahorow a yɛasusuw ho no ho? Ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ Yehowa na ɛka yɛn ma ‘yekyi bɔne.’ (Dw. 97:10) Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ayiyɛ ho amanne a ɛkyerɛ sɛ awufo wɔ ateasefo so nkɛntɛnso no ho koraa. Bere koro no ara no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma afoforo no ka yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ɛbɛto yɛn mfɛfo Kristofo hintidua anaa ɛbɛhaw wɔn ahonim no ho.—1 Kor. 10:32, 33.
11. (a) Sɛnea Efesofo 5:8 kyerɛ no, nsusuwii ne nneyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo kwati? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ 1 Tesalonikafo 4:13 ka sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ ayi ase?
11 Tebea a awufo wom ho ntease a yɛwɔ no boa yɛn ma yɛkwati nnipa a wɔwɔ honhom mu sum mu no nsusuwii ne wɔn nneyɛe. Enti yɛmma nnipa a wɔyɛ ayi de kamfo awufo na wɔde hyɛ wɔn anuonyam, anaa wɔnam so de wɔn ahode ne wɔn dibea hoahoa wɔn ho no nnya yɛn so nkɛntɛnso. Yɛremma ayi ho nhyehyɛe biara ntwitware teokrase dwumadi ahorow mu da. Saa ara nso na sɛ obi si gyinae sɛ ɔrenkɔ ayi, anaa sɛ wɔamfa yɛn anhyɛ ayiyɛ ho nhyehyɛe bi mu a, ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn pii. Esiane Bible mu nimdeɛ a nokware Kristofo wɔ nti, ɛsono sɛnea wosusuw nneɛma ho ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade. (Efe. 5:8) Kyerɛwnsɛm mu ntease a yɛwɔ nti, sɛ yɛn adɔfo wu a, yedi ho awerɛhow na yesie wɔn wɔ nidi mu wɔ ɔkwan a ɛnyɛ kyenkyerenn na ɛkari pɛ so ma ɛne Bible mu nokware hyia.—1 Tes. 4:13; 5:5, 8, 11.
12. (a) Kenkan 1 Petro 4:4. Sɛ yɛamfa yɛn ho anhyɛ amanne a ɛho ntew mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo no bɛyɛ? (b) Sɛnea Mmebusɛm 29:25 ka no, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma onipa ho suro ka yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe da?
12 Munnsuro Ateasefo: Yɛrempɛ sɛ yɛto obiara hintidua da. Nanso, sɛnea nnwuma pa a Yesu yɛe no hyɛɛ wɔn a na wɔnte Kyerɛwnsɛm no ase abufuw no, saa ara nso na nokware som afã a yegyina no bɛhyɛ afoforo abufuw. (Yoh. 6:60, 66) Sɛ yɛamfa yɛn ho anhyɛ ayiyɛ ho amanne a ɛyɛ abosonsom mu a, ebia ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ Adansefo no akasa atia yɛn, wɔadidi yɛn atɛm, ateetee yɛn, na mpo wɔatan yɛn. (1 Pet. 4:4) Yehowa Adansefo binom mmusua apo wɔn esiane nokware no afã a wogyina no nti. (Yoh. 15:19) Mmusua binom nso anya Adansefo ho adwemmɔne na wɔabɔ wɔn sobo sɛ wɔmpɛ nnipa na wommu awufo. Ɛwom sɛ yɛn ani nnye sɛnea wɔne yɛn di yi ho de, nanso esiane sɛ yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho nti, yɛhwɛ biribi a ɛte saa kwan. (2 Tim. 3:12) Enti sɛ́ anka yɛbɛma nnipa ho suro ahyɛ yɛn so no, yɛma Yehowa Nyankopɔn ho suro pa kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.—Mmeb. 29:25; Aso. 5:29.
13. (a) Dɛn na ebinom aka de atwa Yehowa Adansefo mpoa? (b) Sɔhwɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa yɛn?
13 Ma Wonhu Nsonsonoe No: Ebinom twa yɛn mpoa, na wɔka sɛ, “Yehowa Adansefo nnim sɛnea wosie wɔn awufo.” So nsɛm a ɛte saa haw yɛn? So ɛtɔ mmere bi a yɛte nka sɛ ehia sɛ yɛyɛ biribi de kyerɛ wɔn sɛ yenim sɛnea yesie yɛn adɔfo a wɔawuwu no? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ bere a Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ, sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba a, onnyaa ne ho mfi asɔredan no atifi mmɛhwe fam no, Yesu anyɛ. Wamma Ɔbonsam annaadaa no ma wannyɛ adebɔne amfa ansɔ afoforo ani. (Mat. 4:5-7) Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛko tia sɔhwɛ a ɛte saa na yɛansuasua sɛnea wɔn a wɔnyɛ Adansefo no yɛ wɔn ayi no amfa ankyerɛ sɛ yenim sɛnea yesie yɛn adɔfo a wɔawuwu no. Ɔkwan bɛn so na ebetumi aba saa?
14. (a) Bɔne a anibere wom bɛn na Israelfo no yɛe? (b) Sɛnea Exodus 32:28 kyerɛ no, adwene bɛn na wonyae a na ɛne Yehowa de nhyia, na dɛn na ɛtoo wɔn?
14 Yehowa Ɔdansefo biara remfa ne ho nhyɛ ayiyɛ ho amanne a ɛyɛ abosonsom mu da. Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi anya adwene a ɛnteɛ a esum Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete no afiri no ara bi. Ebia yɛbɛkae sɛ Israelfo no yɛɛ sika honi som no, na afei wɔfrɛɛ adeyɛ no “Yehowa afahyɛ.” (Ex. 32:5, NW) Wɔdaadaa wɔn ho susuwii sɛ Onyankopɔn bɛpene atoro som a wɔde afrafra nokware som mu no so. Hwɛ mfomso ara a wodii! Wɔn gyidi afrafra no hyɛɛ Yehowa abufuw na ɛmaa Israelfo no mu 3,000 wuwui.—Ex. 32:28.
15. (a) Kenkan Galatifo 6:12 ne Deuteronomium 12:30. Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo remmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ da, na dɛn ntia? (b) Ɛmfa ho mmɔden a wɔabɔ sɛ wobeyi abosonsom nneyɛe afi amanne yi mu no, nokware Kristofo da so ara bu no dɛn sɛnea 1 Korintofo 10:20 kyerɛ no? (d) Sɛnea Malaki 3:18 kyerɛ no, sɛ yegyina nokware no afã na yɛde akokoduru gye nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ayiyɛ ho no tom a, dɛn na afoforo behu?
15 Onyankopɔn nkurɔfo remmɔ mmɔden sɛ wɔbɛma abosonsom nneyɛe bi te sɛ apɛsi, amanne a wɔyɛ bere a wɔasie amu no awie, nna ahorow a wodi, ne amanne afoforo a ɛho ntew no “ho atew,” denam atoro som mu nneyɛe ahorow bi a ɛyɛ abosonsom a wobeyiyi afi mu na wɔde nneyɛe a ɛte sɛ nokware som mu de asi ananmu so. Ɛwom sɛ wɔn a wɔnyɛ Adansefo no “ani begye” eyi a yɛbɛyɛ no ho de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma saa nnipa yi ara anya adwene sɛ Yehowa Adansefo nso wɔ ɔkwan a wɔfa so yɛ abosonsom amanne yi bi. (Gal. 6:12; Deut. 12:30) Nanso, yenim pefee sɛ, amanne ahorow yi nhyɛ Onyankopɔn anuonyam, ɛyɛ abosonsom, na ɛne nokware som nhyia. (1 Kor. 10:20) Sɛ yekura saa adwene yi mu a, yɛma nkurɔfo nya hokwan hu “nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Mal. 3:18.
16. (a) Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn na yɛrehwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa si yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?
16 Ɛrenkyɛ, owu befi hɔ. Sɛ Yehowa nyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no a, awiei koraa no, wɔbɛpopa yɛn nusu, na wɔayi yɛn awerɛhow, ne yaw a yedi nyinaa afi hɔ. (Adi. 21:4) Anidaso biara a yɛwɔ sɛ yɛbɛsan ahu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio no gyina nokware a yebedi nnɛ no so. Bere a yɛretwɛn sɛ bɔhyɛ akɛse yi bɛbam no, momma yɛmmɔ mmɔden mma Yehowa nhu yɛn sɛ nnipa a wɔn ho nni nkekae ne dɛm biara, a wɔatwe wɔn ho afi wiase bɔne yi ne ne nneyɛe a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam no ho!—2 Pet. 3:14.