Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/08 kr. 3-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma Afe 2009

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma Afe 2009
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛmti Nketewa
  • AKWANKYERƐ
  • Nhyehyɛe
Yɛn Ahenni Som—2008
km 10/08 kr. 3-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe Ma Afe 2009

AKWANKYERƐ

Nhyehyɛe a edidi so yi na yebedi akyi de ayɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no wɔ afe 2009 mu.

NHOMA A EBEGYINA SO: Twi Bible (Akuapem), Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase [bi7-TW], “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” (1990 De) [si-E], Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No [lr-TW], ne Reasoning From the Scriptures (1989 De) [rs-E]. Sɛ Reasoning From the Scriptures no mu na wobeyi dwumadi bi afi a, wɔakyerɛ beae foforo a wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo kasa no benya nsɛm a wɔde bɛyɛ wɔn dwumadi no bi afi.

Ɛsɛ sɛ wɔde nsɛm tiawa a wɔde ma akwaaba fi sukuu no ase wɔ BERE ANO, na afei wɔde sɛnea wɔahyehyɛ dwumadi no wɔ ase ha no toa so. Sɛ wowie dwumadi biara a, sukuu sohwɛfo no bɛfrɛ nea odi hɔ no.

BIBLE AKENKAN MU NSƐNTITIRIW: Simma 10. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔfata de simma anan a edi kan no susuw nsɛntitiriw a ɛwɔ dapɛn Bible akenkan no mu ho. Sɛ dapɛn no mu Bible akenkan no refi Bible mu nhoma foforo ase a, ɛnde ɛbɛsono sɛnea ɔbɛyɛ no. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛfa ne nsɛm no afi “All Scripture” nhoma no mu, na ɔde simma anan a edi kan no adi ho dwuma. [Kasa horow a wonnya nkyerɛɛ “All Scripture” nhoma no ase no betumi de “Yehowa Asɛm wɔ Nkwa” a efi ase bae wɔ January 1, 2004, Ɔwɛn-Aban mu no adi dwuma.] Sɛ nhwɛso no, yebesusuw Genesis ti biako kosi ti anum no ho wɔ January 5 dapɛn no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔkasafo no paw nsɛntitiriw fi Genesis nhoma no nnianim nsɛm a ɛwɔ “All Scripture” nhoma no mu no mu. Ɛsɛ sɛ ɔma asɛm no fa asafo no ahiade ho. Sɛ́ ebia ɛyɛ nsɛntitiriw a ɛwɔ dapɛn Bible akenkan no mu anaa efi “All Scripture” nhoma no mu no, ne botae titiriw ne sɛ ɔbɛboa atiefo no ma wɔahu nea enti a asɛm no ho hia ne sɛnea ebetumi aboa wɔn. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no hwɛ yiye na wanni ammoro simma anan a wɔde ama ɔfã a edi kan no so. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ obegyaw simma asia ama atiefo no ma wɔde anibu 30 anaa nea ennu saa ama mmuae tiawa de aka nneɛma a wɔn ani gyee ho wɔ Bible akenkan no mu ne ɛso mfaso ahorow ho asɛm. Afei sukuu sohwɛfo no bɛma asuafo a wɔwɔ dwumadi wɔ asa afoforo so no akɔ.

DWUMADI 1: Simma 4 anaa nea ennu saa. Eyi yɛ akenkan a ɛsɛ sɛ wɔde ma onuabarima. Ɛsɛ sɛ osuani no kenkan asɛm no a nnianim asɛm anaa nsɛm a wɔde wie nka ho. Nea sukuu sohwɛfo no bɛma ahia no titiriw ne sɛ ɔbɛboa asuafo no ma wɔakenkan asɛm no ma ntease abam, akɔ yɔɔ, asi adwene a ɛwom so dua yiye, asakra wɔn nne, ahome wɔn kasa mu wɔ baabi a ɛfata, na wɔakenkan asɛm no sɛnea wɔkasa daa.

DWUMADI 2: Simma 5. Wɔde eyi bɛma onuawa. Wɔde sɛnea wɔbɛyɛ dwumadi yi bɛma osuani no anaasɛ wɔbɛma wapaw bi afi nea ɛwɔ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no kratafa 82 no mu. Ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔde ama no no di dwuma na ɔyɛ ma ɛfata asafo no asasesin. Sɛ wɔankyerɛ baabi a asɛm no fi a, ɛsɛ sɛ osuani no ankasa yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu de nya nsɛm a ɔde bedi ɔfã yi ho dwuma. Nea sukuu sohwɛfo no bɛpɛ sɛ ohu paa ne sɛnea osuani no kyerɛkyerɛ asɛm a wɔde ama no no mu na ɔboa ofiewura no ma odwen Kyerɛwnsɛm no ho, na ɔma ɔte ɔkasa no mu nsɛntitiriw ase. Sukuu sohwɛfo no bɛma no ɔboafo baako.

DWUMADI 3: Simma 5. Wobetumi de eyi ama onuabarima anaa onuawa. Ɛsɛ sɛ osuani no ankasa siesie asɛmti no. Sɛ wɔankyerɛ baabi a wobenya nsɛm no afi a, ebehia sɛ osuani no yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu de di ɔfã yi ho dwuma. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuabarima a, ɛsɛ sɛ ɔma no sɛ ɔkasa a ɛfa atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so no ho. Sɛ wɔde ɔfã yi ma onuawa a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa ɔyɛ no sɛnea wɔakyerɛ sɛ wɔnyɛ Dwumadi 2 no. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow, ɛsɛ sɛ bere nyinaa mode dwumadi a wɔde agyiraehyɛde [*] yi ahyɛ ho no ma anuanom mmarima ma wɔma no sɛ ɔkasa, na sɛ mpanyimfo ne asomfo dɔɔso wɔ mo asafo no mu a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

AFOTU: Simma 1-2. Sukuu sohwɛfo no renni kan nka ɔkasa su a osuani no bedi ho dwuma no. Sɛ wowie Dwumadi 1, 2, ne 3 no a, sukuu sohwɛfo no bɛka ɔkasa no fã bi a wodii ho dwuma yiye ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran, na watwe adwene asi nea enti a saa dwumadi no fã no tu mpɔn so. Ɛsɛ sɛ ɔtaa twe adwene si Ɔsom Sukuu nhoma no so. Obetumi agyina osuani biara mmɔdenbɔ so de afotu foforo a mfaso wɔ so ama no wɔ kokoam wɔ nhyiam no akyi anaa bere foforo mu.

BERE SODI: Ɛnsɛ sɛ ɔkasa biara, anaa ɔfotufo no nsɛm no boro bere a wɔde ama no so. Sɛ bere a wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ Dwumadi 1, 2, ne 3 no sõ a, ɛsɛ sɛ wɔde anifere ma wotwa so. Sɛ anuanom mmarima a wɔreyɛ Bible akenkan mu nsɛntitiriw no di boro bere a wɔde ama wɔn no so a, ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔn wɔ kokoam. Ɛsɛ sɛ obiara hwɛ ne bere yiye. Dwumadi no nyinaa si simma 30.

AFOTU KRATASIN: Ɛwɔ Ɔsom Sukuu nhoma no mu.

ƆFOTUFO BOAFO: Sɛ ɔpanyin a ɔfata wɔ hɔ a, mpanyimfo kuw no betumi apaw no aka sukuu sohwɛfo no ho ma wasom sɛ ɔfotufo boafo. Sɛ mpanyimfo pii wɔ asafo no mu a, ɛnde afe biara ɔpanyin foforo a ɔfata betumi adi asɛyɛde yi ho dwuma. Ɔfotufo boafo no asɛyɛde ne sɛ, bere a ehia no, ɔde afotu bɛma anuanom a wɔyɛ Bible akenkan mu nsɛntitiriw no wɔ kokoam. Ɛho nhia sɛ ɔde afotu ma ne mfɛfo mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ ɔkasa a ɛte saa biara akyi.

TEOKRASE ƆSOM SUKUU NTIMU: Simma 20. Wɔ asram abien biara mu no, sukuu sohwɛfo no bɛyɛ nea yɛasua no mu ntimu. Yebedi kan asusuw Bible akenkan mu nsɛntitiriw ho sɛnea wɔakyerɛ wɔ atifi hɔ no ansa na yɛayɛ ntimu no. Ntimu no begyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ asram abien a atwam no so, a dapɛn no ara mu de nso ka ho. Sɛ mo asafo no bɛkɔ ɔmansin nhyiam anaa ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo asafo no wɔ dapɛn a mode bɛyɛ ntimu no mu a, ɛnde monyɛ ntĩmu no dapɛn a edi hɔ no, na momfa saa dapɛn no dwumadi 1, 2, ne 3 no mmɛhyɛ dapɛn a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo asafo no mu dwumadi no ananmu. Ɛnsɛ sɛ moyɛ nsakrae biara wɔ dapɛn biara Bible akenkan anaa sɛnea wɔbɛyɛ Bible akenkan mu nsɛntitiriw no mu.

Nhyehyɛe

Jan. 5 Bible akenkan: Genesis 1-5

No. 1: Genesis 3:1-15

No. 2: Nea Enti a na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse (lr-TW ti 1)

No. 3: Dɛn na Ɛnyɛ Adwuma Hunu? (1 Kor. 15:58)

Jan. 12 Bible akenkan: Genesis 6-10

No. 1: Genesis 9:1-17

No. 2: Sɛnea Yebebua Wɔn a Wonnye Onyankopɔn Nni (rs-E kr. 150 ¶3–kr. 151 ¶3) (+bh-TW kr. 202 ¶4-203 ¶1)

No. 3: Krataa a Efi Onyankopɔn a Ɔwɔ Dɔ Hɔ (lr-TW ti 2)

Jan. 19 Bible akenkan: Genesis 11-16

No. 1: Genesis 14:1-16

No. 2: Nea Ɔyɛɛ Nneɛma Nyinaa (lr-TW ti 3)

No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Yehowa Nwene Yɛn? (Yes. 64:8)

Jan. 26 Bible akenkan: Genesis 17-20

No. 1: Genesis 17:1-17

No. 2: Nea Enti a Nnipa Ntumi Nhyehyɛɛ Nniso a Ɛfata (rs-E kr. 152-153 ¶1)

No. 3: Onyankopɔn Wɔ Din (lr-TW ti 4)

Feb. 2 Bible akenkan: Genesis 21-24

No. 1: Genesis 22:1-18

No. 2: ‘Oyi Ne Me Ba’ (lr-TW ti 5)

No. 3: a Akwan a Yebetumi Afa so Atrɛw Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Afoforo no Mu (2 Kor. 6:11-13)

Feb. 9 Bible akenkan: Genesis 25-28

No. 1: Genesis 25:1-18

No. 2: Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no Som Nnipa Foforo (lr-TW ti 6)

No. 3: Nea Enti a Mmɔden a Nnipa Bɔ sɛ Wɔbɛma Yɛn Ho Atɔ Yɛn no Ntumi Nyɛ Yiye (rs-E kr. 153 ¶2–kr. 154 ¶2) (+w04-TW 11/1 kr. 8 ¶4)

Feb. 16 Bible akenkan: Genesis 29-31

No. 1: Genesis 29:1-20

No. 2: Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ ‘Yedwennwen’ (Mat. 6:25)

No. 3: Osetie Bɔ Wo Ho Ban (lr-TW ti 7)

Feb. 23 Bible akenkan: Genesis 32-35

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Mar. 2 Bible akenkan: Genesis 36-39

No. 1: Genesis 39:1-16

No. 2: Afoforo Korɔn Sen Yɛn (lr-TW ti 8)

No. 3: Onyankopɔn Ahenni Nkutoo na Ɛbɛma Adesamma Nsa Aka Nea Wohia Ankasa (rs-E kr. 154 ¶3–kr. 155 ¶1)

Mar. 9 Bible akenkan: Genesis 40-42

No. 1: Genesis 40:1-15

No. 2: Ehia sɛ Yɛko Tia Sɔhwɛ Ahorow (lr-TW ti 9)

No. 3: b Hwɛ Yiye na Woanyɛ Nea W’ankasa Pɛ!

Mar. 16 Bible akenkan: Genesis 43-46

No. 1: Genesis 44:1-17

No. 2: Tumi a Yesu Wɔ wɔ Adaemone So (lr-TW ti 10)

No. 3: Ada Adi sɛ Yebetumi De Yɛn Ho Ato Bible Nkɔmhyɛ So Koraa (rs-E kr. 155 ¶2-5) (+bh-TW kr. 23 ¶13-kr. 25 ¶17)

Mar. 23 Bible akenkan: Genesis 47-50

No. 1: Genesis 48:1-16

No. 2: So Ɛsɛ sɛ Yesuro Ɔbonsam?

No. 3: Mmoa a Yenya Fi Onyankopɔn Abɔfo Hɔ (lr-TW ti 11)

Mar. 30 Bible akenkan: Exodus 1-6

No. 1: Exodus 1:1-19

No. 2: Yesu Kyerɛ Yɛn Mpaebɔ (lr-TW ti 12)

No. 3: So Onyankopɔn Honhom na Wɔde Sa Yare Anwonwakwan So Nnɛ? (rs-E kr. 156-157 ¶3)

Apr. 6 Bible akenkan: Exodus 7-10

No. 1: Exodus 9:1-19

No. 2: Wɔn a Wɔbɛyɛɛ Yesu Asuafo (lr-TW ti 13)

No. 3: c Yɛbɛte Galatifo 6:2 ne Galatifo 6:5 Ase Dɛn?

Apr. 13 Bible akenkan: Exodus 11-14

No. 1: Exodus 12:21-36

No. 2: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛde Firi (lr-TW ti 14)

No. 3: Nsonsonoe a Ɛda Ɔkwan a Yesu ne N’asomafo no Faa so Saa Yare ne Nea Wɔyɛ Nnɛ no Ntam (rs-E kr. 157 ¶4–kr. 158 ¶2)

Apr. 20 Bible akenkan: Exodus 15-18

No. 1: Exodus 15:1-19

No. 2: Dɛn na Atoro Som a Yɛbɛtwe Yɛn Ho Afi Ho Koraa no Hwehwɛ sɛ Yɛyɛ?

No. 3: Ayamye a Yɛbɛda no Adi Ho Asuade (lr-TW ti 15)

Apr. 27 Bible akenkan: Exodus 19-22

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

May 4 Bible akenkan: Exodus 23-26

No. 1: Exodus 24:1-18

No. 2: Dɛn na Ɛho Hia Ankasa? (lr-TW ti 16)

No. 3: Ɔkwan a Wɔfa so Hu Nokware Kristofo Nnɛ (rs-E kr. 158 ¶3–kr. 159 ¶1) (+bh kr. 148 ¶9-kr. 150 ¶13)

May 11 Bible akenkan: Exodus 27-29

No. 1: Exodus 29:1-18

No. 2: Ɔkwan a Wobɛfa so Anya Anigye (lr-TW ti 17)

No. 3: d Asiane a Ɛwɔ Nokwaredi a Ɛmfata Mu

May 18 Bible akenkan: Exodus 30-33

No. 1: Exodus 31:1-18

No. 2: Nea Enti a Wɔde Ayaresa Akyɛde no Mae Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu (rs-E kr. 159 ¶2–kr. 160 ¶2) (+w05-TW 2/15 kr. 4, adaka)

No. 3: So Wokae sɛ Wobɛda Ase? (lr-TW ti 18)

May 25 Bible akenkan: Exodus 34-37

No. 1: Exodus 37:1-24

No. 2: So Ɛteɛ sɛ Wobɛko? (lr-TW ti 19)

No. 3: Sɛ́ Yɛbɛma Obiara Ayɛ Nea Ɔpɛ no Kyerɛ Dɛn, na Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛkwati?

June 1 Bible akenkan: Exodus 38-40

No. 1: Exodus 40:1-19

No. 2: So Wopɛ sɛ Wudi Kan Bere Nyinaa? (lr-TW ti 20)

No. 3: Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ sɛ Adesamma Nyinaa Benya Ayaresa Ankasa? (rs-E kr. 160 ¶3-5) (+w08 1/1-TW kr. 6 ¶3)

June 8 Bible akenkan: Leviticus 1-5

No. 1: Leviticus 4:1-15

No. 2: So Ɛsɛ sɛ Yɛhoahoa Yɛn Ho wɔ Biribiara Ho? (lr-TW ti 21)

No. 3: e Ɔkwan Bɛn so na Ɛsɛ sɛ Kristofo De Tumi Yɛ Dwuma?

June 15 Bible akenkan: Leviticus 6-9

No. 1: Leviticus 8:1-17

No. 2: ‘So Wugye Ayaresa Di?’ (rs-E kr. 160 ¶6–kr. 161 ¶1)

No. 3: Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Yedi Atoro (lr-TW ti 22)

June 22 Bible akenkan: Leviticus 10-13

No. 1: Leviticus 11:29-45

No. 2: Nea Enti a Nnipa Yare (lr-TW ti 23)

No. 3: Nhyira a Asuafo a Wɔabɔ Asu Nya

June 29 Bible akenkan: Leviticus 14-16

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

July 6 Bible akenkan: Leviticus 17-20

No. 1: Leviticus 19:1-18

No. 2: So na Yɛn Nyinaa Te Ahonhom Atrae Ansa na Wɔrewo Yɛn sɛ Nnipa? (rs-E kr. 161 ¶2–kr. 162 ¶3)

No. 3: Nyɛ Owifo Da! (lr-TW ti 24)

July 13 Bible akenkan: Leviticus 21-24

No. 1: Leviticus 22:17-33

No. 2: So Wɔn a Wɔyɛ Nneɛma Bɔne Betumi Asakra? (lr-TW ti 25)

No. 3: Nea Nokware Kristofo Yɛ De Kyerɛ sɛ Wodwen Ahiafo Ho

July 20 Bible akenkan: Leviticus 25-27

No. 1: Leviticus 25:39-54

No. 2: Nea Enti a Ɛyɛ Den sɛ Yɛbɛyɛ Ade Pa (lr-TW ti 26)

No. 3: Sɛ Adam Anyɛ Bɔne a, So Anka Awiei Koraa no Ɔbɛkɔ Soro? (rs-E kr. 162 ¶4-5)

July 27 Bible akenkan: Numeri 1-3

No. 1: Numeri 3:1-20

No. 2: Nea Enti a Ehia Ahosodi na Obi Ada Odwo Adi

No. 3: Hena Ne Wo Nyankopɔn? (lr-TW ti 27)

Aug. 3 Bible akenkan: Numeri 4-6

No. 1: Numeri 4:1-16

No. 2: Sɛnea Wubehu Nea Ɛsɛ sɛ Wutie No (lr-TW ti 28)

No. 3: So Ɛsɛ sɛ Obi Kɔ Soro na Ama Wanya Daakye a Ɛyɛ Anigye Ankasa? (rs-E kr. 163 ¶1-3)

Aug. 10 Bible akenkan: Numeri 7-9

No. 1: Numeri 9:1-14

No. 2: So Apontow Nyinaa Sɔ Onyankopɔn Ani? (lr-TW ti 29)

No. 3: Akwan a Yɛfa so Di Yehowa Nokware

Aug. 17 Bible akenkan: Numeri 10-13

No. 1: Numeri 13:17-33

No. 2: Nea Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛadi Nneɛma a Yesuro So (lr-TW ti 30)

No. 3: 1 Peter 3:19, 20 Kyerɛ Dɛn? (rs-E kr. 163 ¶4)

Aug. 24 Bible akenkan: Numeri 14-16

No. 1: Numeri 14:26-43

No. 2: Sɛ́ Obi Bɛdɔ Onyankopɔn Mmara no Kyerɛ Dɛn? (Dw. 119:97)

No. 3: Faako a Yebenya Awerɛkyekye (lr-TW ti 31)

Aug. 31 Bible akenkan: Numeri 17-21

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Sept. 7 Bible akenkan: Numeri 22-25

No. 1: Numeri 22:20-35

No. 2: Sɛnea Wɔbɔɔ Yesu Ho Ban (lr-TW ti 32)

No. 3: 1 Peter 4:6 Kyerɛ Dɛn? (rs-E kr. 163 ¶5)

Sept. 14 Bible akenkan: Numeri 26-29

No. 1: Numeri 27:1-14

No. 2: Dɛn Ne Yehowa Nyansakyerɛ, na Dɛn Nti na Ɛho Hia? (Efe. 6:4)

No. 3: Yesu Betumi Abɔ Yɛn Ho Ban (lr-TW ti 33)

Sept. 21 Bible akenkan: Numeri 30-32

No. 1: Numeri 32:1-15

No. 2: Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛbɛba Yɛn So? (lr-TW ti 34)

No. 3: So Ɔsoro Asetra Yɛ Kristofo Nyinaa Anidaso? (rs-E kr. 164 ¶1-3) (+pe-TW kr. 120 ¶4-kr. 122 ¶7)

Sept. 28 Bible akenkan: Numeri 33-36

No. 1: Numeri 33:1-23

No. 2: Yebetumi Anyan Afi Awufo Mu! (lr-TW ti 35)

No. 3: Nea Ɛma Onyankopɔn Ahenni Korɔn Sen Nnipa Ahenni Nyinaa

Oct. 5 Bible akenkan: Deuteronomium 1-3

No. 1: Deuteronomium 2:1-15

No. 2: Dɛn na “Apam Foforo” no Ka Fa Daa Nkwa wɔ Asase So Ho? (rs-E kr. 165 ¶1–kr. 166 ¶2)

No. 3: Henanom na Wobenyan Wɔn? Ɛhe na Wɔbɛtra? (lr-TW ti 36)

Oct. 12 Bible akenkan: Deuteronomium 4-6

No. 1: Deuteronomium 4:15-28

No. 2: Yehowa ne Ne Ba no a Yɛbɛkae Wɔn (lr-TW ti 37)

No. 3: Bere Bɛn na Yebetumi Aka sɛ Ade Ketewa Ye? (Mmeb. 15:16)

Oct. 19 Bible akenkan: Deuteronomium 7-10

No. 1: Deuteronomium 9:1-14

No. 2: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Yesu (lr-TW ti 38)

No. 3: Nnipa Baahe na Bible Ka sɛ Wɔwɔ Ɔsoro Anidaso? (rs-E kr. 166 ¶3-4) (+pe-TW kr. 124 ¶13, 14)

Oct. 26 Bible akenkan: Deuteronomium 11-13

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

Nov. 2 Bible akenkan: Deuteronomium 14-18

No. 1: Deuteronomium 15:1-15

No. 2: Nneɛma Bɛn na Obi Yɛ a Ɛkyerɛ sɛ Osuro Nyankopɔn?

No. 3: Onyankopɔn Kae Ne Ba No (lr-TW ti 39)

Nov. 9 Bible akenkan: Deuteronomium 19-22

No. 1: Deuteronomium 22:1-19

No. 2: Sɛnea Yɛbɛma Onyankopɔn Ani Agye (lr-TW ti 40)

No. 3: So 144,000 no Yɛ Honam Fam Yudafo Nkutoo? (rs-E kr. 166 ¶5–kr. 167 ¶3)

Nov. 16 Bible akenkan: Deuteronomium 23-27

No. 1: Deuteronomium 25:1-16

No. 2: Mmofra a Wɔma Onyankopɔn Ani Gye (lr-TW ti 41)

No. 3: f Nneɛma Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yebu no Kronkron?

Nov. 23 Bible akenkan: Deuteronomium 28-31

No. 1: Deuteronomium 30:1-14

No. 2: Nea Enti a Ehia sɛ Yɛyɛ Adwuma (lr-TW ti 42)

No. 3: Anidaso Bɛn na Kyerɛwnsɛm no Ka sɛ “Nnipakuw Kɛse” no Wɔ? (rs-E kr. 167 ¶4–kr. 168 ¶1) (+wt-TW kr. 120 ¶2–kr. 121 ¶4)

Nov. 30 Bible akenkan: Deuteronomium 32-34

No. 1: Deuteronomium 32:1-21

No. 2: Dɛn Ne ‘Yehowa Da Kɛse No’? (Sef. 1:14)

No. 3: Henanom Ne Yɛn Nuanom? (lr-TW ti 43)

Dec. 7 Bible akenkan: Yosua 1-5

No. 1: Yosua 5:1-15

No. 2: Ɛsɛ sɛ Yɛn Nnamfonom Dɔ Onyankopɔn (lr-TW ti 44)

No. 3: Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? Sɛnea Yɛbɛkyerɛ sɛ Yɛpɛ (lr-TW ti 45)

Dec. 14 Bible akenkan: Yosua 6-8

No. 1: Yosua 8:1-17

No. 2: Nsuyiri Sɛee Wiase—So Ebesi Bio? (lr-TW ti 46)

No. 3: Dɛn Nti na Afotu a Ɛwɔ Ɔsɛnkafo 7:21, 22 no so wɔ Mfaso?

Dec. 21 Bible akenkan: Yosua 9-11

No. 1: Yosua 9:1-15

No. 2: Sɛnea Yebetumi Ahu sɛ Harmagedon Abɛn (lr-TW ti 47)

No. 3: Onyankopɔn Wiase Foforo—Wubetumi Atra mu Bi (lr-TW ti 48)

Dec. 28 Bible akenkan: Yosua 12-15

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu

[Ase hɔ nsɛm]

a Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

b Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

c Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

d Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

e Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

f Fa ma anuanom mmarima nkutoo, sɛ ɛbɛyɛ yiye a asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.

+Beae foforo a wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo kasa no benya nsɛm ayɛ wɔn dwumadi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena