Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/08 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 13
  • Dapɛn a Efi Ase October 20
  • Dapɛn a Efi Ase October 27
  • Dapɛn a Efi Ase November 3
Yɛn Ahenni Som—2008
km 10/08 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase October 13

Dwom 174

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛyɛ kratawa ho ɔsatu titiriw a efi ase October 20 no ho asɛm, na hyɛ wɔn a wonnya nnyee kratawa no bi nyinaa nkuran sɛ wonkogye bi. Ka sɛnea wɔde October 1 Ɔwɛn-Aban ne October Awake! bɛma ho nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 no ho asɛm tiawa. Esiane sɛ adawurubɔfo pii de nsɛmma nhoma yi ama wɔ adapɛn kakra mu no nti, ma atiefo nka osuahu a wɔanya no nkyerɛ.

35 min: “Asafo Nhyiam Ho Nhyehyɛe Foforo.”a Kenkan kyerɛw nsɛm no, na ma atiefo nka ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 216

Dapɛn a Efi Ase October 20

Dwom 113

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.

20 min: So Wo Ba Yɛ Ɔdawurubɔfo a Ɔmmɔɔ Asu? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina asɛm, “Kyerɛkyerɛ Wo Mma ma Wonyi Yehowa Ayɛ,” a ɛwɔ May 2007 Yɛn Ahenni Som mu no so. Ɛsɛ sɛ ɔpanyina ɔwɔ abusua a wɔyɛ nhwɛso pa di ho dwuma. Afei nso, munsusuw asɛm, “Mmofra a Wɔboa Wɔn,” a ɛwɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 81 mu no ho. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ mmofra pii wɔ hɔ a wobetumi ayɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu, nanso ɛde besi saa bere yi, womfii asɛnka ase. Ebia awofo ne asafo mu mpanyimfo binom besusuw sɛ sɛ abofra bi de ne ho hyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu mu a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrenya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso, ɛyɛ obi gyidi a ‘ɔpae mu ka’ sɛ asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo na ɛma wohu no sɛ Yehowa Dansefo, na ɛno so titiriw na ɔnam bɛbɔ asu. (Heb. 10:23) Awofo wɔ asɛyɛde titiriw sɛ wɔboa wɔn mma nkumaa ma wonya nkɔso wɔ Nokware no mu. Ɛsɛ sɛ wonya wɔn mma mu ahotoso, na wonya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔafata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nso hwɛ sɛ wɔbɛboa mmofra a wɔwɔ wɔn asafo mu no nyinaa ma wɔafata sɛ adawurubɔfo. Wɔ asram a ɛreba no mu no, amansin so ahwɛfo bɛbɔ mmɔden paa ahyɛ awofo nkuran ma wɔaboa wɔn mma ma wɔafata sɛ adawurubɔfo. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo hwɛ sɛ wɔbɛboa wɔn mma ma wɔafata na ama wɔayɛ ‘nhwɛso ama nguankuw no.’—1 Pet. 5:3.

20 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode November 1 Ɔwɛn-Aban ne November Awake! no Bɛma. Bere a woaka nsɛmma nhoma no ho asɛm tiawa awie no, bisa atiefo ma wɔnka emu nsɛm a wosusuw sɛ nnipa a wɔwɔ asasesin no mu pii ani begye ho paa nkyerɛ. Ma wɔnka nea enti a wosusuw saa. Ma atiefo nkyerɛ asɛmmisa a wobetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase, ne kyerɛwsɛm bi a ɛwɔ asɛm no mu a wɔde bedi dwuma ansa na wɔde nsɛmma nhoma no ama. Ɔkasafo no de nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8, anaa asɛm foforo a wasiesie a nkurɔfo ani begye ho wɔ asasesin no mu no yɛ sɛnea wobetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ de wie dwumadi no.

Dwom 148

Dapɛn a Efi Ase October 27

Dwom 30

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.

10 min: Asafo mu ahiade.

30 min: “Ankorankoro ne Abusua Bible Adesua Ho Hia!”b Kenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no, na ma atiefo nka ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.

Dwom 142

Dapɛn a Efi Ase November 3

Dwom 100

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa October asɛnka akontaabu mma.

20 min: Afe 2009 Teokrase Ɔsom Sukuu. Sukuu sohwɛfo no ne atiefo susuw Teokrase Ɔsom Sukuu nhyehyeɛ foforo no ho sɛnea wɔakyerɛ wɔ “Akwankyerɛ” a ɛwɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe no ase wɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no. Twe adwene si nsakrae a wɔayɛ no so. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsi nyɛ dwumadi ahorow, mfa wɔn ho nhyɛ Bible mu nsɛntitiriw ho mmuaema mu, na wɔmfa nyansahyɛ a sukuu sohwɛfo no de bɛma nnawɔtwe biara a egyina Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no so nyɛ adwuma.

15 min: Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn.’ Ɔsom adwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo a ɔfata, ka nneɛma anum a ɛma nkyerɛkyerɛ tu mpɔn a ɛwɔ January 15, 2008, Ɔwɛn-Aban, kratafa 9-12, nkyekyɛm 5-18 no ho asɛm tiawa. Bisabisa ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu a wosusuw sɛ asɛm yi aboa wɔn ma wɔn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn no nsɛm.

Dwom 91

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena