Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma November: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase. December: Momfa Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no mma. Sɛ ebinom ka sɛ wɔwɔ mma a, momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No mma wɔn. January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? February: Momfa nhoma a edidi so a mowɔ bi dedaw wɔ mo hɔ no mu bi mma. Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, The Bible—God’s Word or Man’s?
◼ Sɛ adawurubɔfo nnya nhyehyɛɛ akwahosan sohwɛ tumi krataa (DPA) no dedaw a, yɛhyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. DPA kratasin no bɔ hokwan a wowɔ sɛ wunnye mogya no ho ban. Asafo mu mpanyimfo de mmoa bɛma wɔn a wohia no.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ December 2006 Yɛn Ahenni Som mu no.