Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/08 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Kristofo Ayeforohyia Ahorow a Ɛde Anigye Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Ayeforohyia Horow a Ɛyɛ Anigye A Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ayeforohyia a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 11/08 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ Sɛ nnipa baanu pɛ sɛ wohyia wɔn ayeforo wɔ Ahenni Asa so a, nsɛm bɛn na ehia sɛ wɔne mpanyimfo no susuw ho?

Ayeforohyia a wɔyɛ ma ɛne Bible akwankyerɛ hyia no hyɛ Yehowa anuonyam. Eyi yɛ nokware paa wɔ ayeforo a wohyia wɔ Ahenni Asa so no ho, efisɛ biribiara a yɛyɛ wɔ hɔ no ma wɔn a wɔte mpɔtam hɔ no nya yɛn som no ho adwene bi. Sɛnea ɛbɛyɛ a ‘biribiara bɛkɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho’ no, sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohyia ayeforo no pɛ sɛ wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so a, ɛfata sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no ne wɔn susuw nsɛm bi a ɛfa wɔn ayeforohyia no ho.—1 Kor. 14:40.

Ɛsɛ sɛ nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wohyia ayeforo wɔ Ahenni Asa so no kyerɛw krataa kɔma asafo a wohyiam wɔ saa Ahenni Asa no so no ɔsom boayikuw. Ɛsɛ sɛ wodi kan de krataa yi kɔma wɔn ntɛm na wɔkyerɛ da ne bere a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ayeforo no wɔ Ahenni Asa no so wɔ krataa no mu. Ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra wɔn adwenem sɛ mpanyimfo no rensesa bere a wɔde yɛ wɔn asafo nhyiam esiane wɔn ayeforohyia no nti. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔbea ne ɔbarima no nyinaa yɛ nnipa a wɔwɔ gyinabea pa wɔ asafo no mu na wɔde Bible nnyinasosɛm ne Yehowa mmara bɔ wɔn bra.

Nea ɛbɛyɛ na ayeforohyia no ahyɛ Onyankopɔn anuonyam no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohyia ayeforo no di kan ne ɔsom boayikuw no susuw wɔn ayeforohyia no nhyehyɛe nyinaa ho ansa na wɔawie. Ɛwom sɛ mpanyimfo no renkyerɛ wɔn nea wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ de, nanso sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribi na mpanyimfo no mpene so a, ɛsɛ sɛ wotie wɔn. Nnwom a ɛwɔ Kingdom Melodies so anaa nea ɛwɔ yɛn nnwom nhoma no mu nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔbɔ. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔde biribi siesie Ahenni Asa so hɔ anaa wɔhyehyɛ nkongua no wɔ ɔkwan foforo so a, ɛsɛ sɛ wɔsrɛ ɛno nso ho kwan ansa. Sɛ wɔretwa mfonini anaa video a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma ɛho ba nyam. Ebia mpanyimfo no bɛma kwan ma wɔabɛbobɔ nneɛma a wɔbɛyɛ wɔ ayeforohyia da no so wɔ Ahenni Asa no so bere tenten a ɛrentwitware asafo no nhyehyɛe afoforo mu no. Ɛnsɛ sɛ wɔde nsato krataa biara bɔ amanneɛbɔ pon no so. Nanso mpanyimfo no betumi ama nkaebɔ tiawa wɔ ɔsom nhyiam ase de abɔ ayeforo a wɔrebehyia wɔ Ahenni Asa no so ho amanneɛ akyerɛ asafo no.

Ɛwom sɛ wɔnhwehwɛ sɛ wɔn a wɔabɔ asu nkutoo na ayeforo ne ayeforokunu no betumi de wɔn aka wɔn ho de, nanso ɛremfata sɛ wɔde nnipa a wɔn abrabɔ ne Bible nnyinasosɛm nhyia koraa, anaa wɔn a nkurɔfo a wɔbɛba ayeforohyia no ase no renka wɔn ho asɛm pa bɛka wɔn ho. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin na ɔhwɛ ayeforohyia no so. Asafo mu mpanyimfo fata sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm, enti wɔfata koraa sɛ wɔkyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa adeyɛ titiriw yi ho.—1 Tim. 3:2.

Esiane sɛ asafo mu panyin no nso ho wɔ ayeforohyia no mu bi nti, ɛsɛ sɛ wodi kan ka ayeforohyia no ho nhyehyɛe nyinaa kyerɛ no. Ɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no behyia na wabisa wɔn sɛnea wɔhwɛɛ wɔn ho so bere a wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware no; na ɛsɛ sɛ wɔka biribiara kyerɛ no a wɔmfa hwee nsie. Sɛ na ayeforo no anaa ayeforokunu no aware pɛn a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no ne mmara ma no kwan sɛ ɔsan ware. (Mat. 19:9) Eyi hwehwɛ sɛ ɔde awaregyae krataa kyerɛ ɔpanyin no.

Na sɛ wɔyɛ amane kwan so aware wie na sɛ wɔpɛ sɛ wɔma Bible ho ɔkasa nso ɛ? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔmma Bible ho ɔkasa no da no ara a wogyee aware no. Sɛ wɔyɛ abien yi nyinaa bom na bere pii antwam a, ɛma Kristofo aware ho ba nyam wɔ mpɔtam hɔ. Bio nso, ɛnsɛ sɛ atade a wɔbɛhyɛ ne nhyehyɛe afoforo a ɛfa ɔkasa no ho no ma nkurɔfo nya adwene sɛ afei na wɔreyɛ aban mmara mu aware. Nanso wɔ ɛno akyi no, sɛ awarefo no pɛ sɛ wɔware wɔ aban mmara mu esiane biribi nti a, ɛho renhia sɛ wɔma ɔkasa, wɔto ho pon anaasɛ asafo no de ne ho gyigye mu wɔ ɔkwan biara so.—km-TW 4/06 kr. 3-5.

Sɛ wɔn baanu nyinaa fi wɔn pɛ mu ne mpanyimfo no di nkitaho na wɔne wɔn yɛ biako a, obiara ani begye wɔ ayeforohyia no ase.—Mmeb. 15:22; Heb. 13:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena