Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Sɛ ebinom ka sɛ wɔwɔ mma a, momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No mma wɔn. January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw a, adawurubɔfo betumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ krataa a etumi dodow so anaa wotintimii ansa na afe 1992 reba ama wɔn. February: Momfa nhoma a edidi so a mowɔ bi dedaw wɔ mo hɔ no mu bi mma: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden paa sɛ mubefi Bible adesua ase.
◼ Monhwɛ sɛ mode Afe Asɛm a Wɔatintim a Betel de bɛbrɛ mo no bɛbɔ Ahenni Asa no so ntɛm ara wɔ January 1. (Hwɛ Nkaebɔ a ɛwɔ August Yɛn Ahenni Som mu no.) Afe asɛm no ne: ‘Di asɛmpa no ho adanse fefeefe.’—Aso. 20:24.
◼ Efi January 1, 2009, rekɔ no, yɛremfa asɛm “ɔhwɛfo guamtrani” nni dwuma bio. Wɔbɛfrɛ nea wɔde saa dwumadi yi bɛhyɛ ne nsa no “mpanyimfo ntam nkitahodifo.”
◼ Ɔsom Afe Awiei Akontaabu: Anuanom, yɛma mo nyinaa ayekoo! Ɔsom afe no wiee yiye. Yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 90,243 wɔ August 2008 mu. Eyi yɛ nea ɛto so asia a yenyae wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔdawurubɔfo biara de bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa ne fã kɔɔ asɛnka dapɛn biara. Wɔbɔɔ adawurubɔfo 5,173 asu. Yɛkamfo mo nyinaa wɔ nsi a mode yɛɛ asɛnka adwuma no ho. Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛboa nnipa 250,000 a yɛne wɔn yɛ Bible adesua no mu pii ma wɔahyira wɔn ho so abɔ asu. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn ani gye sɛ Yehowa rehyira yɛn mmɔdenbɔ no so. Momma yɛn nyinaa ‘nni asɛmpa no ho adanse fefeefe.’ (Aso. 20:24) Yɛrekae asafo mu akyerɛwfo a wɔwɔ mmeae a post office a ɛwɔ hɔ no adwuma nni mu no sɛ wɔnkɔ so mfa wɔn akontaabu mfa telefon so mma yɛn ansa na akyiri yi wɔde afa post office abrɛ yɛn.