Boa Wo Mma Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
1. Asɛyɛde bɛn na awofo wɔ?
1 Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 28:19, 20) Adwuma biara nni hɔ a ɛho hia sen eyi. Ɛhwehwɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu Yehowa na wɔadɔ no, na wɔafi wɔn komam asom no. Awofo wɔ asɛyɛde foforo nso sɛ wɔboa wɔn mma ma wɔbɛyɛ asuafo.—Efe. 6:4.
2. Ɛbɛyɛ dɛn na awofo ahu wɔn mma nsusuwii ne wɔn su ahorow? Kenkan Mmebusɛm 20:5.
2 Egye nneɛma pii na awofo atumi aboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ asuafo. Nea ehia titiriw wɔ eyi mu biako ne sɛ wɔbɛyɛ abusua Bible adesua dapɛn biara. Sɛ yɛne obi a ɔkyerɛ asɛm no ho anigye resua ade a, yesusuw ne nipasu ne biribiara a ebia ebesiw ne honhom mu nkɔso kwan ho. Yebisabisa no nsɛm na yetie nea ɔka no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu honhom fam nkuranhyɛ a yɛde bɛma no. Sɛ saa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ awofo a wodwen wɔn mma ho de wɔn adwene si mmofra no nsusuwii ne wɔn su ahorow so kɛse.—Mmeb. 20:5.
3. Awofo bɛyɛ dɛn afa abusua adesua so aboa mmofra ma wɔanya honhom mu nkɔso?
3 Ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani da hɔ na wɔatumi ahu biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔn mma no de nkakrankakra rekɔ wiase no mu. Sɛ ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo a yɛn ani afi mpo ma yɛn ani da hɔ wɔ asiane yi ho a, mpɛn ahe ara na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn mma renya nkɔso wɔ honhom fam? Sɛ mmofra ntumi mma mmuae wɔ nhyiam ahorow ase anaasɛ wɔkenkan mmuae ntiantia fi nkyekyɛm no mu tẽẽ bere nyinaa a, ehia sɛ awofo boa wɔn. Sɛ moreyɛ abusua adesua a, ma wɔmpaw nkyekyɛm a wɔbɛma ho mmuae na boa wɔn ma wɔmfa wɔn ankasa nsɛm nka. Fa nsɛmmisa a wɔde twe adwene si asɛm so di dwuma na fa boa wɔn ma wonsusuw Kyerɛwnsɛm ho. Fa Yehowa papayɛ ne ne dɔ dua wɔn mu, na ma wonhu sɛ wobebu wɔn nneyɛe nyinaa ho akontaa akyerɛ no.—Mmeb. 1:7.
4. Nsɛnnennen bɛn na Kristofo mmofra hyia, na awofo bɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn ma wɔagyina ano?
4 Da biara, mmofra sua nneɛma foforo wɔ sukuu mu bere a wɔrekyerɛ wɔn ade ne bere a wɔne mfɛfo sukuufo bɔ fekuw no. Ɛnyɛ nneɛma a wosua yi nyinaa na ɛyɛ papa. Esiane sɛ mmofra nni osuahu nti, ebia wobegye su ahorow a enye atom, na ɛbɛma wiase honhom no de nkakrankakra adidi nhyɛase pa a awofo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛto no ase. Da biara ɛho hia sɛ awofo hu nea ɛwɔ wɔn mma adwene mu, na wɔatumi atutu nea enye no ase, na wɔde nokware a ɛho tew a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no asi ananmu. Sɛ awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ asuafo a, ɛsɛ sɛ wosusuw nneɛma ho yiye na wɔma wɔn ani kũ wɔn mma no ho. Ɛnde, so yehu nyansa a ɛwɔ afotu pa a wɔde ama yɛn wɔ asiane a ɛwom sɛ yɛbɛma yɛn mma afi fie akɔ sukuu a sukuufo te hɔ no mu?—2 Kor. 10:4; Efe. 6:10-18; 1 Pet. 5:8.
5. Akwan bɛn so na wobetumi aboa mmofra bere a wɔkɔ sukuu no?
5 Sɛ wo mma kɔ sukuu a, so wode honhom mu akode a wohia a wɔde ‘bedum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa’ siesie wɔn? (Efe. 6:16) So wɔte nsɛm atitiriw te sɛ afã biara a Kristofo nni, frankaakyia, nnapɔnna ne amanne a ɛne Kristofo gyidi nhyia ho nsɛm a ebia wɔde bɛhaw wɔn no ase yiye a wobetumi akyerɛkyerɛ mu ma afoforo ate ase? Bere a wɔrenyin no, woboa wɔn ma wosisi gyinae pa wɔ fekubɔne, mmerante ne mmabaa fekubɔ, nnubɔne ne nna mu ɔbrasɛe ho? Ɛrenyɛ mmerɛw, nanso sɛ wobɔ wo ho mmɔden a, wubetumi aboa wɔn ma wɔanyin wɔ honhom mu wɔ mfe a wɔde kɔ sukuu no mu.—Filip. 4:13.
6. Teokrase botae bɛn na awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔde asisi wɔn anim, na nhyira horow bɛn na wobetumi anya?
6 Fa teokrase botae sisi wo mma no anim fi wɔn mmofraase pɛɛ—asubɔ, daa akwampae adwuma, Betel som anaa bere nyinaa som adwuma no fã biara. Hyɛ wo mma nkuran ma wɔnyɛ akwampaefo aboafo wɔ akwamma bere mu. Esiane sɛ Hana de n’abakan maa Yehowa som nti, Yehowa hyiraa no pii ma n’ani gyei paa. (1 Sam. 2:18-21) Ɛnnɛ awofo a honhom mu nneɛma ho hia wɔn ani gye sɛ wɔn mma no mu biako anaa nea wɔboro saa resom nokwaredi mu wɔ bere nyinaa som adwuma no fã bi mu. Eyi so wɔ mfaso pii sen sɛ wo ba atumi ayɛ ade wɔ wiase nhomasua mu! Mmarima ne mmea a honhom mu nneɛma hia wɔn nim sɛ eyi yɛ ahobammɔ ma wɔn mma no, na ɛtew Yehowa din ho nso. Yehowa hyira wɔn a wofi koma nyinaa mu som no no paa. (Mmeb. 10:22) Awofo a wɔhyɛ wɔn mma nkuran ma wɔde Yesu afotu a ɛne sɛ wɔmfa Ahenni nneɛma nni kan no nyinaa apaw nea eye.—Mat. 6:33.
7. Dɛn na amanneɛbɔ a efi ahwɛfo akwantufo hɔ ma yehu wɔ mmofra pii a wɔwɔ asafo ahorow mu no ho?
7 Sɛ nhwɛso no, sɛ woyɛ ɔwofo a, so woreboa wo mma a wodu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ho ma wɔafi asɛnka ase sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu? Wɔ Ghana ha no, amanneɛbɔ a efi ahwɛfo akwantufo hɔ kyerɛ sɛ mmofra a wɔadi fi mfe 5 kosi 20 a wɔne wɔn awofo kɔ adesua daa nanso wonnya mmɛyɛɛ “asɛmpa” no ho adawurubɔfo wɔ asafo ahorow pii mu. (Mar. 13:10) So wo ba ka mmofra yi a wobetumi abɛyɛ Yesu Kristo asuafo no ho?
8. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ awofo susuw sɛ wɔn mma ntumi nnya nkɔso?
8 Nsusuw sɛ wo mma ntumi nnya nkɔso wɔ asɛnka adwuma no mu. Mmofra pii akyerɛ sɛ wobetumi de nhoma ama na wɔafi Bible adesua ase, enti wɔfata nkamfo. Wo ne wo mma mmom nyɛ adwuma. Fi ase fi wɔn mmofraase. Hwɛ sɛnea wɔn ahoɔden te na fa mmoa a wohia ma wɔn ma wonnya nkɔso. Kamfo wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ ne nkɔso a wonya ho.
9. So mmofra nkumaa betumi ayɛ adawurubɔfo? Kyerɛkyerɛ mu.
9 Abeawa kumaa bi ka kyerɛɛ asafo mu mpanyimfo sɛ wɔmmoa no na ontumi mfata sɛ Ahenni ɔdawurubɔfo. Ɛwom sɛ na wadi mfe anum pɛ saa bere no na na onnim akenkan de, nanso na otumi ka Ahenni asɛm no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ apon ano. Ná ɔkyere faako a kyerɛw nsɛm wɔ gu ne tirim, obue kɔ hɔ, ɔsrɛ ofiewura no sɛ ɔnkenkan, na afei ɔkyerɛkyerɛ mu.
10. Bere bɛn na abofra kumaa bɛfata sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo, na dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa abofra no ma wadu saa botae no ho?
10 Sɛ wote nka sɛ wo mma fata sɛ wɔyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu na wɔka sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa a, ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no. Adawurubɔfo a wɔbɛyɛ no bɛma wɔahu sɛ wɔn ankasa wɔ asɛyɛde sɛ woyi Yehowa ayɛ. Ma ɛntra w’adwenem sɛ enhia sɛ abofra nya nimdeɛ pii te sɛ mpanyimfo a wɔabɔ asu ansa na watumi afata sɛ ɔdawurubɔfo. So wo ba te Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ ase? So odi abrabɔ pa ho gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu no so? So ɔpɛ sɛ ɔkɔ asɛnka na wohu no sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo? Sɛ saa a, ɛnde mpanyimfo no betumi ahwɛ sɛ ɔfata sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu anaa.—Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kr. 79-82.
11. Ɔkwan bɛn so na awofo nhwɛso betumi anya wɔn mma so tumi?
11 Akwan a eye sen biara a awofo betumi afa so atete abofra no biako ne sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso ama no. Sɛ wɔnyɛ nea wɔka a, ɛrentumi nnya tumi ahe biara wɔ abofra no so. Awofo titiriw na mmofra suasua wɔn nhwɛso. Sɛ wohyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa Ahenni nneɛma nni kan a, ɛsɛ sɛ woda eyi adi wɔ wo nneyɛe mu na aka wɔn yiye. Sɛ awofo hyɛ abofra nkuran sɛ ɔnyɛ ɔkwampaefo a, ɛnde na ɛsɛ sɛ awofo no fa asɛnka adwuma no aniberesɛm, yɛ nea wobetumi biara, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a bere ne bere mu no, wɔayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi. Ɛnsɛ sɛ ɛsono sɛnea awofo yɛ wɔn ade wɔ fie ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ Ahenni Asa so wɔ wɔn kasa ne wɔn nneyɛe mu.
12. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ daa de boa wɔn mma ma wɔbɛyɛ asuafo?
12 Nokwarem no, sɛ awofo betumi aboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ asuafo a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ne mmofra no mu biara sua nhoma a yɛde yɛ Bible adesua, te sɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no. (Deut. 6:6, 7) Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔfa abusua adesua aniberesɛm a wɔnnyɛ no bi-ne-bi, a sɛ biribi ammɛbom nkutoo na wɔyɛ. Awofo a wɔyɛ adwumaden de yɛ nhwɛso pa na wɔboa wɔn mma ma wɔbɛyɛ asuafo no betumi anya anigye bere a wohu sɛ ɔdɔ a wɔn mma no wɔ ma Yehowa ahyehyɛde no mu kɔ so yɛ den no.
13. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ awofo bɛboa wɔn mma ma wɔabɛyɛ asuafo? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo yere wɔn ho yɛ eyi?
13 Ɛnna fam koraa sɛ awofo bɛtete wɔn mma wɔ nokware no mu wɔ nna a edi akyiri yi mu. Nokwarem no, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Tim. 3:1-5) Yehu sɛ wiase no rebɔ mmɔden sɛ ebemia yɛn mma no ma wɔafa wiase su. Yenim sɛ Yehowa betwa wɔn a wɔde wɔn ho bɔ wiase no afi hɔ. (Rom. 1:28-32) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho boa yɛn mma ma wɔbɛyɛ asuafo sɛnea yɛyɛ adwumaden de boa afoforo ma woso “nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛreba” no mu no!—1 Tim. 4:8b.