Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/09 kr. 2
  • Fa Bible no Di Dwuma Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Bible no Di Dwuma Yiye
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Ahokokwaw Ne Nnamyɛ Kyerɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Fa Ahokokwaw Di Nokware Asɛm No Ho Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woakae Kyerɛwnsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Ɔfã 3—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 9/09 kr. 2

Fa Bible no Di Dwuma Yiye

1. Dɛn nti na Bible no so wɔ mfaso saa?

1 Sɛ yehu sɛnea yɛde Onyankopɔn Asɛm bedi dwuma yiye a, ɛbɛboa ma yɛaka asɛm no na yɛakyerɛkyerɛ nokware no ma emu ada hɔ, na yɛde apa atoro nkyerɛkyerɛ ne nnipa atetesɛm ho ntama.—2 Tim. 2:15; 1 Pet. 3:15.

2. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu baabi a kyerɛw nsɛm wɔ a yɛmmrɛ ho koraa?

2 Hu Emu Nsɛm no Yiye: Sɛ yɛtaa de adwinnade bi di dwuma a, ɛma yetumi de yɛ adwuma yiye. Sɛ wokenkan Bible no fi ti kosi ti a, ɛma wuhu nea Bible mũ no nyinaa gyina so no yiye. Afei nso ɛbɛboa wo ma woakaakae kyerɛw nsɛm, na sɛ worehwehwɛ a, woremmrɛ ho. Sɛ wuhu Bible mu nsɛm yiye a, wubetumi de ahotoso ne nnam akasa bere a woredi afoforo adanse bɔnnɔ so anaa wowɔ asɛnka mu no.—1 Tes. 1:5.

3, 4. (a) Akwan a yebetumi afa so ahu sɛnea yɛde Bible bedi dwuma yiye no bi ne dɛn? (b) So woafa akwan foforo so ahu Kyerɛwnsɛm no mu yiye?

3 Sɛ wokɔ asafo nhyiam na wɔrekenkan Bible no a, fa yɛ wo su sɛ wubebue wo Bible adi akyi. Sɛ woresua ade anaasɛ woresiesie wo ho ama asafo nhyiam a, kenkan Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no na dwinnwen sɛnea wode bedi adwuma no ho. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔkenkan kyerɛwsɛm bi tẽẽ fi Bible mu sen sɛ wɔbɛkenkan afi kɔmputa so anaa wobetintim wɔ krataa so akenkan a, ɛboa ma akyiri yi sɛ wɔrehwehwɛ de adi dwuma wɔ asɛnka mu a, wɔremmrɛ ho.—Yoh. 14:26.

4 Mmusua bi ayi bere bi asi hɔ a wɔde kaakae kyerɛw nsɛm ahorow. Ebia wotwitwa nkrataa asinasin na wɔkyerɛw kyerɛwsɛm no wɔ anim, na afei wɔakyerɛw emu nsɛm no ankasa wɔ akyi. Afei obiako yi krataa a wɔakyerɛw so no, na ɔde ɔfã a kyerɛwsɛm wɔ so no kyerɛ na obisa ma wɔka asɛm ko a ɛwɔ hɔ, anaasɛ ɔde asɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm bi mu no kyerɛ na obisa baabi a ɛwɔ. Sɛ yesua sɛnea yɛde Bible no befi nkɔmmɔbɔ ase ne sɛnea yɛde bebua wɔn a wosiw nkɔmmɔbɔ ano anaa sɛnea yɛde bebua nsɛmmisa a, ɛbɛma yɛn ho akokwaw.

5. Dɛn nti na yɛpɛ sɛ yehu Bible no mu yiye?

5 Yɛrentumi mfa nhoma foforo biara ntoto Bible no ho. Bible mu nkutoo na yebetumi anya nsɛm a ɛma nkurɔfo hu ‘nyansa a ɛkɔ nkwagye mu.’ (2 Tim. 3:15) Esiane sɛ nnipa pii a wɔwɔ yɛn asasesin mu no nnim akorade a ɛsom bo a ɛwɔ Bible no mu nti, yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yehu Bible no mu yiye, na yɛatumi akyerɛ wɔn mfaso ankasa a wobetumi anya wɔ so.—Mmeb. 2:1-5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena