Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/91 kr. 1
  • Fa Ahokokwaw Di Nokware Asɛm No Ho Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Ahokokwaw Di Nokware Asɛm No Ho Dwuma
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Ma Wo Ho Nkokwaw Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Fa “Honhom No Nkrante” Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 12/91 kr. 1

Fa Ahokokwaw Di Nokware Asɛm No Ho Dwuma

1 Onyankopɔn Asɛm a yɛde bedi dwuma ahokokwaw mu no betumi aka sɛnea nnipa tie asɛmpa no. Eyi nti, Paulo hyɛɛ yɛn ho a yɛbɛma akokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu ho nkuran sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayeni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”​—2 Tim. 2:15.

2 Ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛde Bible no bedi dwuma ahokokwaw mu. Ehia sɛ yeyi bere si hɔ de yɛ kokoam adesua na yɛkɔ Kristofo nhyiam horow. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a yesua no di dwuma denam Bible no a yɛde bedi dwuma daa wɔ ɔsom adwuma no mu no so. Eyi hwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ saa daa bere a yɛhwehwɛ Onyankopɔn mmoa ne n’akwankyerɛ no.​—1 Yoh. 3:22.

3 Twe Adwene Si Onyankopɔn Asɛm So: Ehia sɛ nkurɔfo hu sɛ nkrasɛm a yɛka no nyɛ yɛn ankasa de, na mmom efi Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no mu. (Yoh. 7:18) Nea Onyankopɔn ka wɔ asɛm bi ho a yɛbɛkyerɛ obi wɔ Bible no mu no betumi anya no so nkɛntɛnso kɛse. Bible nkrasɛm a tumi wom no twetwe nnipa komapafo. Bere a yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma kɛse no, yɛn ho kokwaw kɛse, na yetumi ma afoforo hu Onyankopɔn Asɛm a ɛho bɛba wɔn mfaso no kɛse.

4 Nnipa pii nnim Bible no. Sɛ yɛde di dwuma a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen kyerɛw nsɛm no a yɛbɛkenkan ara kwa. Ahosiesie a yɛasusuw ho yiye ho hia na yɛahu sɛnea yɛbɛda kyerɛwsɛm bi adi. Yebetumi de nsemmisa anaasɛ ɔhaw bi a wɔka ho asɛm adi dwuma de akanyan wɔn anigye. Afei nso, sɛ yɛkenkan kyerɛwsɛm no wie a, ɛsɛ sɛ yɛma wodwen nea yɛka wɔ akenkan no akyi no ho. Sɛ yɛkan no pɛnkoro pɛ a, ebia onipa no rente aba a ɛwom no ase. Nsɛntitiriw a yɛbɛsan asi so dua na yɛaka nea ɛkyerɛ no bɛma wɔate nsɛm no ase.​—Hwɛ School Guidebook, adesua 24 ne 25.

5 Nea Yɛde Ma: Sɛ yehu nnipa a wɔn ani gye asɛm no ho ampa a, yɛde New World Translation of the Holy Scriptures ne Is the Bible Really the Word of God? no bɛma wɔn. Yebetumi de nhoma yi akyerɛ nkurɔfo dɛn? Bere a yɛada yɛn ho adi awie no, yebetumi aka sɛ: “Ɛnnɛ, nnipa pii hwehwɛ akwankyerɛ fi nnipa ahorow hɔ anaasɛ nhoma horow mu. Wote nka sɛ beae a eye sen biara bɛn na yebenya akwankyerɛ pa afi? [Ma ommua.] Susuw nea Bible no ka wɔ nyansa fibea ankasa ho. [Kenkan Mmebusɛm 2:6, 7.] Ada adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so sɛ nnipa nyansa tɔ sin, na ɛde asiane ne abasamtu ba. Nanso, ada adi bere nyinaa sɛ wotumi de ho to Onyankopɔn nyansa so na mfaso wɔ so. [Kenkan Yesaia 48:17, 18.] Enti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn a ɔde akwankyerɛ a yehia a ɛbɛma yɛadi ɔhaw ahorow a yehyia ho dwuma no so.” Afei yebetumi abue Is the Bible Really the Word of God? nhoma no ti 11, na yɛatwe n’adwene asi kratafa 136, nkyekyem 1 so.

6 Sɛ wode Mmebusɛm 2:6, 7 di dwuma de si sɛnea Onyankopɔn korɔn so dua wie a, fa New World Translation no kyerɛ, na kyerɛkyerɛ sɛnea woanya obu ama Bible no na wubu no sɛ ɛsom bo no mu kyerɛ ofiewura no. Ma onhu sɛ obenya ne nkyerɛkyerɛ mu mfaso, na ama wanya daakye ho anidaso a enhinhim. Ebia nkɔmmɔbɔ a ɛte sɛɛ no bɛma woanya hokwan ahorow de ada Bible mu afotu a nyansa wom a ɛfa ɔhaw ahorow a yehyia da biara ho no bi adi akyerɛ no, na ebia ɛbɛma wo ne no ahyehyɛ Bible adesua.

7 Yesu twee adwene sii Kyerɛwnsɛm no so bere nyinaa na aboa nnipa komapafo na akyerɛ sɛ n’asɔretiafo di atoro. Na Paulo taa ‘kyerɛkyerɛ’ nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe no “mu” na ‘odi ho adanse.’ (Aso. 17:2, 3) Sɛ yɛyere yɛn ho sɛ yɛde ahokwaw kɛse bedi nokware Asɛm no ho dwuma a, ahotoso ne anigye a yɛwɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no bɛyɛ kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena