Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/01 kr. 1
  • Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Yiye
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Ahokokwaw Di Nokware Asɛm No Ho Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • So Wukura Onyankopɔn Asɛm no Mu Pɛpɛɛpɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Ma Wo Ho Nkokwaw Wɔ Wo Som Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Fa “Honhom No Nkrante” Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 12/01 kr. 1

Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Yiye

1 Bere a na Filipo redi ɔpanyin bi adanse no, ‘obuee n’ano na ofii Kyerɛwnsɛm mu kaa no Yesu ho asɛmpa.’ (Aso. 8:35) Na Filipo ‘de nokwasɛm no redi dwuma yiye.’ (2 Tim. 2:15) Nanso, ɛnnɛ ahwɛfo akwantufo ahu sɛ adawurubɔfo pii ntaa mfa Bible nni dwuma bere a wɔredi adanse no. So wode Bible no di dwuma wɔ wo som adwuma mu?

2 Biribiara a yegye di na yɛkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn Asɛm mu. (2 Tim. 3:16, 17) Ɛno na ɛtwe nnipa bɛn Yehowa na ɛkyerɛkyerɛ wɔn nneɛma a ɛbɛma wɔanya nkwa. Ɛno nti na ɛho hia sɛ yɛde Bible no di dwuma wɔ yɛn som adwuma mu sen sɛ yɛbɛbɔ nsɛm a yɛn ani gye ho ho nkɔmmɔ kɛkɛ. (Heb. 4:12) Esiane sɛ nnipa dodow no ara nnim Bible no ho nsɛm pii nti, ehia sɛ yɛkenkan asɛm fi mu de kyerɛ wɔn akwankyerɛ pa a ɛde ma ne daakye a ɛkyerɛ sɛ adesamma benya no.

3 Kenkan Nsɛm no Tẽẽ Fi Bible Mu: Wubetumi asɔ asɛnka a wokɔ a wunkura bag ahwɛ. Wubetumi de nhoma a yɛde di dwuma no ahyɛ bag ketewaa bi mu na woakura Bible no anaasɛ wode ahyɛ wo kotoku mu. Afei sɛ wo ne obi fi nkɔmmɔbɔ ase a, wubetumi ayi Bible no a woremma onipa no nte nka sɛ worebɔ mmɔden sɛ wobɛkasa bere tenten pii akyerɛ no. Gyina hɔ sɛnea wo tiefo no betumi ahwɛ wo Bible no mu bi. Wubetumi aka akyerɛ no sɛ ɔnkenkan nkyekyɛm bi den. Sɛ otumi hu nea Bible no ka sen sɛ wo mmom bɛka akyerɛ no a, enya no so tumi kɛse. Nanso, sɛ wobɛboa no ma watumi ate kyerɛwsɛm no ase a, si nsɛmfua a asɛm no gyina so no so dua.

4 Kyerɛwsɛm Biako a Wɔde Ka Asɛm Kyerɛ: Bere a woada wo ho adi awie no, wubetumi aka sɛ: “Nkurɔfo hwehwɛ akwankyerɛ fi mmeae ahorow wɔ wɔn asetra mu. Wote nka sɛ ɛhe paa na yebetumi anya akwankyerɛ pa afi? [Twɛn ma ommua.] Wususuw asɛm yi ho dɛn? [Kenkan Mmebusɛm 2:6, 7, na twɛn ma ommua.] Ada adi sɛ nnipa nyansa tɔ sin koraa ma adi nnipa pii huammɔ. Nanso, abɛda adi sɛ wotumi de ho to Onyankopɔn nyansa so na mfaso wɔ so bere nyinaa.” Afei fa nhoma a wode rema no kyerɛ no, na fa si Onyankopɔn nyansa ho nhwɛso biako so dua.

5 Yesu de Kyerɛwnsɛm no boaa nnipa komapafo. (Luka 24:32) Paulo de Kyerɛwnsɛm no kyerɛe sɛ nea ɔkyerɛkyerɛe no yɛ nokware. (Aso. 17:2, 3) Ahotoso ne anigye a yɛwɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no bɛyɛ kɛse bere a yɛn ho kokwaw kɛse wɔ Onyankopɔn Asɛm a yɛde di dwuma yiye mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena