Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Baabi a ebetumi ayɛ yiye sɛ adawurubɔfo de nhoma yi befi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu no, wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa. Ma wɔnyɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ tiawa mfa nkyerɛ sɛnea afiewuranom betumi anya so mfaso. October: Momfa Watchtower ne Awake! mma. November: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn anaa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No.
◼ Wɔbɛma afe 2010 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no wɔ dapɛn a efi ase April 12, 2010, mu. Yɛde ɔkasa no asɛmti no bɛma akyiri yi. Asafo ahorow a wɔn ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 12, adu.
◼ Ɛsɛ sɛ asafo mu akyerɛwfo hyehyɛ Congregation Analysis Report (S-10) no yiye wɔ jw.org wɔ Intanɛt no so. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wonya mfaa wɔn din nhyɛɛ jw.org so no hyehyɛ kratasin no de mena Betel ansa na September 10, 2009 adu. Yɛsrɛ sɛ monhwɛ sɛ moahyehyɛ biribiara yiye ansa na mode amena.