Ɔsom Adwuma Nkɔso
Nokwasɛm ni, na April ɔsram no yɛ bere a adagyew nnim koraa. Mmɔden a yɛbɔe de too nsa frɛɛ nkurɔfo baa Nkaedi no ne ɔkasa titiriw no ase no so baa mfaso. Nnipa 280,821 na wɔbaa Nkaedi no ase, na eyi boro adawurubɔfo dodow a wɔwɔ Ghana no so mpɛn abiɛsa! So wunim wɔn a wɔbae no mu bi a sɛ wokɔsra no a ɛbɛboa no? Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmmɔ mmɔden ne wɔn a wɔbaa Nkaedi no bi a obiara ne wɔn nsua ade no mfi Bible adesua ase.