Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/10 kr. 1
  • So Mefata sɛ Meka Asɛmpa No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Mefata sɛ Meka Asɛmpa No?
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔasiesie Yɛn Koraa Sɛ Onyankopɔn Asɛm Akyerɛkyerɛfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nhwɛsode a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi Pɛpɛɛpɛ
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • ‘Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ’
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Sɛn Na Yɛreyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 1/10 kr. 1

So Mefata sɛ Meka Asɛmpa No?

1. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ yɛka asɛmpa no?

1 Sɛ woabisa wo ho asɛm a ɛte saa pɛn a, twa wo koma to wo yam! Ɛnyɛ sukuu a obi akɔ anaa ɔdom akyɛde bi a ɔwɔ na ɛma ɔfata sɛ ɔsɛmpakafo. Ná ebinom kyerɛ sɛ Yesu asuafo no ‘nsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa.’ Nanso na wɔyɛ asɛmpakafo a wotu mpɔn efisɛ na wɔasi wɔn bo sɛ wobedi Yesu nhwɛso akyi.—Aso. 4:13; 1 Pet. 2:21.

2. Akwan bɛn na Yesu faa so kyerɛkyerɛe?

2 Sɛnea Yesu Kyerɛkyerɛe: Ná ne nkyerɛkyerɛ nyɛ kyenkyenee, emu da hɔ, na obiara tumi te ase. Nsɛmmisa a ɔde dii dwuma, mfatoho ahorow a ɔyɛe, ne ne nnianim nsɛm a asete nyɛ den no maa nkurɔfo tiee no. (Mat. 6:26) Ná ɔwɔ atenka ma nnipa. (Mat. 14:14) Bio nso, Yesu de ahotoso kasae tumi so efisɛ na Yehowa na wama no ahoɔden sɛ ɔmfa nyɛ n’adwuma.—Luka 4:18.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yetumi yɛ ɔsom adwuma no?

3 Yehowa Boa Yɛn: Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so de ntetee a yehia ma yɛn na yɛatumi aka asɛmpa no yiye. (Yes. 54:13) Esiane sɛ Yehowa ama wɔayɛ akwan a Yesu faa so kyerɛkyerɛe ho kyerɛwtohɔ nti, yetumi sua ne nhwɛso no di akyi. Yehowa ma ne honhom kronkron no boa yɛn na ɔnam asafo nhyiam so tete yɛn. (Yoh. 14:26) Afei nso, ɔma yɛn adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw a wobetumi aboa yɛn ma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛfata sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo?

4 Yɛwɔ nea yebetumi agyina so ahu sɛ yɛfata sɛ yɛka asɛm no efisɛ “Onyankopɔn na ɔma yɛfata.” (2 Kor. 3:5) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yɛde ne nsiesiei yɛ adwuma a, yɛbɛyɛ ‘nnipa a wɔfata koraa a wɔasiesie wɔn yiye ama adwuma pa biara.’—2 Tim. 3:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena