Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? February: Sɛ mowɔ nhoma a edidi so yi bi a, mubetumi de ama: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? April: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma.
◼ Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma no asɛmti ne “Nea Onyankopɔn Ahenni Reyɛ Ama Yɛn Nnɛ.”