Ɔsom Adwuma Nkɔso
Anuanom, yɛma mo ayekoo! Yɛde 2009 ɔsom afe no baa awiei anigye so. (Mmeb. 15:30) August akontaabu no kyerɛ sɛ, yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara 98,141! Afei nso, yɛyɛɛ Bible adesua 292,654 na yɛde nsɛmma nhoma 763,323 mae, a ne nyinaa yɛ dodow nkɔanim a ɛsen biara.
Wɔbɔɔ nnipa 5,881 asu wɔ 2009 ɔsom afe no mu, na ɛno boro nnipa dodow a wɔbɔɔ asu afe a etwaam de no so 708. Eyi nso yɛ dodow nkɔanim a ɛsen biara. Yɛn mpaebɔ ne sɛ Yehowa nhyira asɛnka adwuma a yɛn nyinaa de nsi reyɛ no so.