Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 10
DAPƐN A EFI ASE MAY 10
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Samuel 4-8
No. 1: 2 Samuel 6:1-13
No. 2: Dɛn na Yenim wɔ Valentine Da, Ɛnanom Da, ne Ɔmampɛ Ho Guasodeyɛ Ahorow Ho? (rs-E kr. 181 ¶5–kr. 182 ¶5) (+sj kr. 20-21)
No. 3: Nea Enti a Adifudepɛ Yɛ Abosonsom (Efe. 5:5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Fa Mmoa a Mfaso Wɔ So Ma Asasesin no Mufo. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 188, nkyekyɛm 4, kosi kratafa 189 awiei so. Fa bere tiaa bi bisa obi ma ɔnkyerɛ sɛnea anigye a Ɔdansefo bi kyerɛe wɔ ne ho boaa no ma onyaa nkɔso.
10 min: Ahenni Asa a Ɛho Tew Hyɛ Yehowa Anuonyam. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Yehowa Nyankopɔn yɛ kronkron, enti ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo ma honam fam ahotew ho hia wɔn paa. (Ex. 30:17-21; 40:30-32) Sɛ yesiesie beae a yehyiam som no yiye na yɛma ɛhɔ tew a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam. (1 Pet. 2:12) Bisa onua a ɔhwɛ Ahenni Asa so hɔ asiesie ho nhyehyɛe so no nsɛm. Ka mo hɔ osuahu anaa nea wɔatintim wɔ yɛn nhoma bi mu a ɛfa sɛnea Ahenni Asa bi a ɛho tew dii kurom hɔfo adanse no ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ Ahenni Asa asiesie no mu.
10 min: “Wɔbɛka Asɛmpa Yi!” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ.