Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase June 28, 2010 mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ May 3 kosi June 28, 2010 adapɛn no mu no so.
1. Dɛn na yebetumi asua afi su a Dawid suu Abner no mu? (2 Sam. 3:31-34) [w05 5/15 kr. 17 nky. 6; w06 7/15 kr. 21 nky. 9-10]
2. Mfomso bɛn na Natan dii, na dɛn nti na Yehowa ampo no sɛ ne diyifo? (2 Sam. 7:3) [rs-E kr. 134 nky. 8]
3. Ɔkwan bɛn so na 2 Samuel 7:14 nyaa ne mmamu? [it-1-E kr. 273 nky. 3; it-2-E kr. 818 nky. 2]
4. Dɛn na Dawid yɛe de daa adɔe adi kyerɛɛ Mefiboset, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn dɛn? (2 Sam. 9:7) [w02 5/15 kr. 19 nky. 5]
5. Asuade bɛn na yenya fi abusuabɔ a na ɛda Gatni Itai ne Ɔhene Dawid ntam no mu? (2 Sam. 15:19-22) [w09 5/15 kr. 27-28]
6. Asɛm bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a yebetumi agyina so aka sɛ asɛm a Siba ka too Mefiboset so no yɛ atoro? (2 Sam. 16:1-4) [w02 2/15 kr. 14-15 nky. 11, asehɔ asɛm no.]
7. Bere a Dawid ka kyerɛɛ Basilai a na wadi mfe 80 sɛ ɔmmɛtena n’ahemfie hɔ no, dɛn nti na Basilai kae sɛ Kimham mmom na ɔnkɔ? (2 Sam. 19:33-37) [w07 6/1 kr. 24 nky. 13]
8. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase a Yehowa wɔ no maa Dawid yɛɛ onipa kɛse? (2 Sam. 22:36) [w07 11/1 kr. 5 nky. 2; w04 11/1 kr. 29]
9. Dɛn nti na Adoniya bɔɔ mmɔden sɛ obegye ahenni no bere a na Dawid da so ara te ase no? (1 Ahe. 1:5) [w05 7/1 kr. 28 nky. 5]
10. Dɛn nti na Yehowa tiee mpae a Solomon bɔ de hwehwɛɛ nyansa ne nhumu no? (1 Ahe. 3:9) [w05 7/1 kr. 30 nky. 2]