Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/10 kr. 3
  • Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase June 28

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase June 28
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 28
Yɛn Ahenni Som—2010
km 6/10 kr. 3

Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase June 28

DAPƐN A EFI ASE JUNE 28

Dwom 62

□ Asafo Bible Adesua:

cf ti 6 ¶19-25, adaka a ɛwɔ kr. 65

□ Teokrase Ɔsom Sukuu:

Bible akenkan: 1 Ahene 3-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

□ Ɔsom Nhyiam:

Dwom 90

5 min: Nkaebɔ.

15 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ July Mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien ka nsɛmma nhoma no mu nsɛm. Paw emu nsɛm abien anaa abiɛsa na ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wode dwumadi no reba awiei a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ foforo a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi afi Bible adesua ase bere a wɔreyɛ sankɔhwɛ no.—Hwɛ km 8/07 kr. 3.

15 min: Ntetee a Wonya Fi Mmofraase. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ná wonim Timoteo sɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nsi na ne ho akokwaw. (Filip. 2:20-22) Nea ɛma otumi yɛɛ saa no fã bi fi honhom fam ntetee a onya fii ne maame ne ne nenabea hɔ wɔ ne mmofraase no. (2 Tim. 1:5; 3:15) Kyerɛwnsɛm mu nyansahyɛ a edi so yi betumi aboa awofo ma wɔatete wɔn mma ma wɔabɛyɛ asɛmpakafo pa. (1) Wo ne wo mma nkɔ asɛnka fi wɔn mmofraase pɛɛ; tete wɔn ma wɔmfa wɔn ho nhyem sɛnea wɔn mfe ne wɔn ahoɔden te. (Mmeb. 22:6) (2) Ma asɛnka ho nhia wo na ayɛ nhwɛso ama wɔn. (Filip. 1:9, 10) (3) Fa asɛnka ho anigye ne ɛho anisɔ dua wɔn mu bere a moreyɛ Abusua Som, na yɛ saa wɔ mmere afoforo mu nso. (Deut. 6:6, 7) (4) Fa wo nneyɛe ne wo kasa kyerɛ sɛ wowɔ asɛnka adwuma no ho adwempa. (Filip. 3:8; 4:8; 1 Tim. 1:12) (5) Mommom nkɔ asɛnka daa sɛ abusua, na momma ɛnyɛ mo su. (Aso. 5:41, 42) (6) Mo ne wɔn a wɔyɛ nsi wɔ asɛnka adwuma ho no mmɔ. (Mmeb. 13:20) Bisa atiefo ma wɔnka nneɛma pɔtee a wɔn awofo yɛ de boaa wɔn ma wonyaa asɛnka adwuma no ho anigye na wotuu mpɔn.

Dwom 88

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena