Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/10 kr. 3
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2010
Yɛn Ahenni Som—2010
km 6/10 kr. 3

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase June 28, 2010 mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ May 3 kosi June 28, 2010 adapɛn no mu no so.

1. Dɛn na yebetumi asua afi su a Dawid suu Abner no mu? (2 Sam. 3:31-34) [w05 5/15 kr. 17 nky. 6; w06 7/15 kr. 21 nky. 9-10]

2. Mfomso bɛn na Natan dii, na dɛn nti na Yehowa ampo no sɛ ne diyifo? (2 Sam. 7:3) [rs-E kr. 134 nky. 8]

3. Ɔkwan bɛn so na 2 Samuel 7:14 nyaa ne mmamu? [it-1-E kr. 273 nky. 3; it-2-E kr. 818 nky. 2]

4. Dɛn na Dawid yɛe de daa adɔe adi kyerɛɛ Mefiboset, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn dɛn? (2 Sam. 9:7) [w02 5/15 kr. 19 nky. 5]

5. Asuade bɛn na yenya fi abusuabɔ a na ɛda Gatni Itai ne Ɔhene Dawid ntam no mu? (2 Sam. 15:19-22) [w09 5/15 kr. 27-28]

6. Asɛm bɛn na ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a yebetumi agyina so aka sɛ asɛm a Siba ka too Mefiboset so no yɛ atoro? (2 Sam. 16:1-4) [w02 2/15 kr. 14-15 nky. 11, asehɔ asɛm no.]

7. Bere a Dawid ka kyerɛɛ Basilai a na wadi mfe 80 sɛ ɔmmɛtena n’ahemfie hɔ no, dɛn nti na Basilai kae sɛ Kimham mmom na ɔnkɔ? (2 Sam. 19:33-37) [w07 6/1 kr. 24 nky. 13]

8. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase a Yehowa wɔ no maa Dawid yɛɛ onipa kɛse? (2 Sam. 22:36) [w07 11/1 kr. 5 nky. 2; w04 11/1 kr. 29]

9. Dɛn nti na Adoniya bɔɔ mmɔden sɛ obegye ahenni no bere a na Dawid da so ara te ase no? (1 Ahe. 1:5) [w05 7/1 kr. 28 nky. 5]

10. Dɛn nti na Yehowa tiee mpae a Solomon bɔ de hwehwɛɛ nyansa ne nhumu no? (1 Ahe. 3:9) [w05 7/1 kr. 30 nky. 2]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena