Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase August 30, 2010 mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ July 5 kosi August 30, 2010 adapɛn no mu no so.
1. Sɛ yedwinnwen mpae a Solomon bɔ de hyiraa asɔrefie so no ho a, ɔkwan bɛn so na ɛma yenya Yehowa nipasu ho anisɔ kɛse? (1 Ahe. 8:22-53) [w05 7/1 kr. 30 nky. 3; it-2-E kr. 989 nky. 4]
2. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ mfomso pii a Dawid yɛe akyi no, ɔde “koma a edi mũ” nantew Yehowa anim? (1 Ahe. 9:4) [w97 5/1 kr. 5 nky. 1-2]
3. Dɛn nti na Siba hemmaa kae wɔ Solomon ho sɛ: “Anigye ne wo nkoa yi a wogyina w’anim daa tie wo nyansa no!”? (1 Ahe. 10:4-8) [w99 11/1 kr. 20 nky. 5-7]
4. Dɛn na yebetumi aka afa ahyɛde a Yehowa de mae sɛ wonsie Abia osie pa no ho? (1 Ahe. 14:13) [cl kr. 244 nky. 11]
5. Dɛn nti na bere a edi kan a Elia kɔsraa Ahab no ho hia? (1 Ahe. 17:1) [w08 4/1 kr. 19, adaka]
6. Bere a Elia kae sɛ “mubehinhim nsɛm abien ntam” no, na ɔkyerɛ dɛn? (1 Ahe. 18:21) [w08 1/1 kr. 19 nky. 3-4]
7. Sɛnea yehu wɔ Elia fam no, atirimpɔw bɛn nti na Yehowa de ne tumi boa n’asomfo? (1 Ahe. 19:1-12) [cl kr. 42-43 nky. 15-16]
8. Dɛn nti na Nabot ampene sɛ ɔbɛtɔn ne bobeturo no ama Ahab, na dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? (1 Ahe. 21:3) [w97 8/1 kr. 13 nky. 18-20]
9. Ɔkwan bɛn so na ɔbea a ofi Sunem no ‘haw ne ho’ wɔ Elisa ho? (2 Ahe. 4:13) [w97 10/1 kr. 30 nky. 6-8]
10. Dɛn nti na Elisa annye Naaman akyɛde no? (2 Ahe. 5:15, 16) [w05 8/1 kr. 9 nky. 2]