So Wode Akyi Nsɛm no Adi Dwuma?
Sɛ nkurɔfo gye yɛn nsɛmma nhoma a, nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔhwɛ anim na wɔadan akyi nso hwɛ. Sɛ wohwɛ Ɔwɛn-Aban a wɔayɛ ama ɔmanfo no akyi a, wubehu nsɛmmisa a ɛkanyan anigye ne ɛho nkyerɛkyerɛmu kakra, na wɔakyerɛ kratafa a wubehu saa nsɛm no wɔ hɔ.
Ɔfã yi betumi aboa yɛn ma yɛanya nsɛmmisa a yebetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ yɛtaa yɛ asasesin bi mu adwuma a, yebetumi adannan yɛn nsɛm mu bere a yɛde nsɛmmisa ahorow di dwuma wɔ ɔsram no nyinaa mu no. Sɛ ofiewura bi nni adagyew a, yebetumi de nsɛmmisa a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no akyi adi dwuma de atwa yɛn asɛm no tiaa. Yebetumi aka sɛ, “Sɛ wopɛ sɛ wunya asɛm yi ho mmuae a, metumi de nsɛmma nhoma yi ama wo, na sɛ wunya bere a maba ma yɛabɔ mu nkɔmmɔ.” Nea adawurubɔfo binom yɛ ne sɛ, wɔde akyi nsɛmmisa no kyerɛ ofiewura no na wɔaka akyerɛ no sɛ ɔmpaw nea n’ani gye ho paa. Afei wɔkyerɛ no baabi a obenya ho mmuae no, na wɔkenkan kyerɛwsɛm a wɔadi kan apaw no. Ebia wo nso wubetumi adwene ho ahwɛ ɔkwan foforo a wobɛfa so de Ɔwɛn-Aban no akyi nsɛm akanyan nkurɔfo anigye.