Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase September 20
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 20
□ Asafo Bible Adesua:
cf ti 10 ¶18-23, adaka a ɛwɔ kr. 107
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Ahene 19-22
No. 1: 2 Ahene 20:1-11
No. 2: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yedwo? (Mat. 5:5)
No. 3: Obi Bɛyɛ Dɛn Asuro Yehowa na Bere Koro no Ara Wadɔ No? (rs-E kr. 198 ¶4–kr. 199 ¶1) (+w01 12/1 kr. 16 ¶9–kr. 17 ¶10)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Dɛn na Yetumi Yɛe wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Ka nea mo asafo no tumi yɛe wɔ ɔsom afe a etwaam no ho asɛm, na twe adwene si nneɛma a ɛhyɛ nkuran a mutumi yɛe no so, na kamfo wɔn sɛnea ɛsɛ. Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu ma wɔnka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wonyae. Kyerɛ ɔsom adwuma no afã bi a ɛsɛ sɛ asafo no bɔ wɔn ho mmɔden wom wɔ ɔsom afe a ɛreba no mu, na kyerɛ akwan a mubetumi afa so ayɛ saa.
10 min: “Akwankyerɛ Ma Wɔn a Wɔyɛ Ɔsom Nhyiam Dwumadi.” Ɔkasa a asafo mu panyin ma.
10 min: Boa Wo Ba ma Ɔmmɛyɛ Ɔdawurubɔfo. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 81 nkyekyɛm 3 kosi kratafa 82 nkyekyɛm 1 so. Bisabisa ɔwofo bi a ɔyɛ nhwɛso pa a ne ba kumaa yɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu nsɛm. Dɛn na ɔyɛ de boaa abofra no ma ɔbɛyɛɛ ɔdawurubɔfo?