Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Sɛ mmofra wɔ fie hɔ a, momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no mma. January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? February: Mubetumi de eyinom mu biara ama: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase.
◼ Yɛbɛyɛ afe 2012 Nkaedi no Yawda, April 5, bere a owia akɔtɔ.
◼ Efi afe 2011 no, Bere Tiaa mu Akwampaefo Titiriw adwuma a wɔyɛ no afe biara no befi ase March akosi May. Eyi betumi ama wɔayɛ Nkaedi no wɔ mmeae pii wɔ ɔman yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a anigyefo dodow no ara betumi akɔ bi.
◼ Efi March 14, 2011 dapɛn no mu no, yebesua “Bearing Thorough Witness” About God’s Kingdom nhoma no wɔ Asafo Bible Adesua ase wɔ Borɔfo, Ga, ne Twi kasa mu.