Ɔsom Adwuma Nkɔso
Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara 102,549 na wobuu akontaa wɔ July ɔsram no mu! Yenyaa nkɔanim nso wɔ sankɔhwɛ, Bible adesua ne nsɛmma nhoma kyekyɛ mu. Daa akwampaefo 7,408 a yenyae no nso yɛ nkɔanim a ɛsen biara. Yɛkamfo mo nyinaa wɔ nsi a mode yɛ otwa adwuma no ho.—Yoh. 4:35, 36.