Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
The Watchtower December 1
“Wunnye ntom sɛ awofo a wonni ahokafo hyia nsɛnnennen pii sen awofo a wɔyɛ awarefo? [Twɛn ma ommua.] Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnna tema adi nkyerɛ wɔn a wohyia nsɛnnennen. [Kenkan Dwom 41:1.] Asɛm a ɛwɔ kratafa 22 no kyerɛ ɔkwan a yebetumi afa so ada tema adi akyerɛ awofo a wonni ahokafo no.”
Awake! December
“Nnipa pii bisa sɛ, ‘Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, dɛn nti na onnyi Ɔbonsam mmfi hɔ?’ So wo nso woabisa saa pɛn? [Twɛn ma ommua.] Asɛm a ɛwɔ kratafa 10 ne 11 yi de Bible no bua saa asɛmmisa no. Ɛsan nso ma yehu sɛnea wiase bɛyɛ bere a wɔayi Ɔbonsam afi hɔ no.” Kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.
The Watchtower January 1
“Nnipa pii gye di sɛ Eden turo ho asɛm no yɛ anansesɛm. Sɛ wote sɛ Yesu kaa Adam ne Hawa ho asɛm sɛ nnipa a wɔtenaa ase ankasa a, so ɛbɛyɛ wo nwonwa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mateo 19:4-6.] Nsɛmma nhoma yi bua nsɛm a nkurɔfo taa bisa fa Eden turo ho no bi.”
Awake! January
Fa nsɛmma nhoma no kyerɛ no na bisa sɛ, “Wubebua asɛmmisa yi dɛn? [Twɛn ma ommua.] Kyerɛwnsɛm no hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe. [Kenkan Yakobo 3:17.] Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na nyamesom ntumi mma adesamma nnyɛ biako? So nyamesom betumi ama asomdwoe aba da bi? Nsɛmma nhoma yi ma saa nsɛmmisa no ho mmuae.”