Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
The Watchtower November 1
“Wususuw sɛ yɛn nneyɛe ho hia abɔfo? [Twɛn ma ommua.] Tie anigyesɛm a Bible ka yi. [Kenkan Luka 15:10.] Asɛm yi kyerɛkyerɛ nea Yesu ka faa sɛnea honhom abɔde nya yɛn so nkɛntɛnso ho no mu.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 16 no kyerɛ no.
Awake! November
Kenkan 2 Timoteo 3:16. Afei ka sɛ: “So wugye di na wote nka sɛ yebetumi de yɛn ho ato biribiara a Bible no ka so? [Twɛn ma ommua.] Asɛm yi ma yehu sɛ tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu ne wiase abakɔsɛm foa nea Bible ka fa tete Egypt ho no so.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 15 no kyerɛ no.
The Watchtower December 1
“Nnipa pii gye di sɛ abɔde bi a wonim nyansa wɔ ahonhom atenae a wɔwɔ yɛn asetena so tumi. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Adiyisɛm 12:7-9.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka fa wɔn a wɔwɔ ahonhom atenae no ho ne sɛnea wonya yɛn so nkɛntɛnso. Afei nso, ɛma yehu sɛ yebetumi ne wɔn adi nkitaho anaa.”
Awake! December
“Bible no nkyerɛ bere a wɔwoo Yesu, enti woasusuw nea ɛyɛe a wodi Buronya December 25 no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Sɛnea kyerɛwsɛm yi da no adi no, wɔanwo Yesu wɔ awɔw bere mu. [Kenkan Luka 2:8.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ baabi a Buronya ho amammerɛ a agye din no bi fi.”