Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase December 13
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 13
□ Asafo Bible Adesua:
cf ti 14 ¶17-21, adaka a ɛwɔ kr. 149
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Beresosɛm 15-19
No. 1: 2 Beresosɛm 15:8-19
No. 2: Sɛ Obi Ka Sɛ: “Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ Adansefo Ma Yesu na Ɛnyɛ Yehowa” (rs-E kr. 208 ¶3)
No. 3: Yɛbɛyɛ Dɛn Adi Yɛn Ho Ni wɔ Ɔsom a Yɛde ma Yehowa no Mu?
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa January 1, 2011, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no mmra Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ no dapɛn a edi hɔ no ase.
15 min: Teokrase Ɔsom Sukuu ma Afe 2011. Ɔkasa a sukuu sohwɛfo no ma. Ka nsɛm a ehia sɛ wusi so dua wɔ mo asafo mu a ɛwɔ Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi Ho Nhyehyɛe ma Afe 2011 mu no ho asɛm. Ka dwuma a ɔfotufo boafo no di ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsi nyɛ wɔn dwumadi, mfa wɔn ho nhyɛ Bible mu nsɛntitiriw ho mmuaema mu, na wɔmfa nyansahyɛ a nnawɔtwe biara yenya fi Ɔsom Sukuu nhoma mu no nyɛ adwuma.
15 min: “Fa Di Dwuma Bere Biara.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma wɔmfa nyansahyɛ no mu biako anaa abien nyɛ ɔyɛkyerɛ.