Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/10 kr. 1
  • Fa Di Dwuma Bere Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Di Dwuma Bere Biara
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛwɔ Adwinnade Foforo a Yɛde Befi Adesua Horow Ase!
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Fa Wɛbsaet Kratawa Foforo no Yɛ Adwuma
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Kratawa Ho Ɔsatu Titiriw a Efi Ase October 20 Kosi November 16!
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 12/10 kr. 1

Fa Di Dwuma Bere Biara

1. Dɛn na yebetumi de So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no ayɛ?

1 Wɔayɛ So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no sɛ ɛmmoa yɛn ma yemfi Bible adesua ase. Nanso ɛyɛ adwinnade a ebetumi aboa ma yɛapete nokware aba no. (Ɔsɛnk. 11:6) Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi betumi aboa ma yɛde adi dwuma yiye.

2. Yɛbɛyɛ dɛn de kratawa no afi nkɔmmɔbɔ ase?

2 Yebetumi De Afi Nkɔmmɔbɔ Ase: Wubetumi de kratawa no ama ofiewura no na woatwe n’adwene asi nsɛmmisa asia a ɛwɔ anim no so, na woabisa no sɛ: “Nsɛmmisa yi mu nea ɛwɔ he na woasusuw ho pɛn?” Sɛ ofiewura no kyerɛ n’adwene wie a, wo ne no nsusuw mmuae a Bible no de ma wɔ ne nsɛmmisa no mu biako ho wɔ kratawa no mu, na kenkan kyerɛw nsɛm no mu biako. Afei kenkan kratawa no akyi asɛm anaa bɔ no mmua, na fa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ma no. Sɛ ogye kratawa no na wannye nhoma no mpo a, kratawa no betumi ama nokware no agye ntini wɔ ne komam.—Mat. 13:23.

3. Sɛ ofiewura bi nni adagyew a, dɛn na yebetumi ayɛ?

3 Bere a Ofiewura no Nni Adagyew: Wubetumi aka sɛ: “Esiane sɛ wunni adagyew nti mepɛ sɛ mede kratawa yi gyaw wo. Ɛka nsɛmmisa asia a yɛtaa bisa no ho asɛm, na ɛde Bible no bua emu biara tẽẽ. Sɛ mesan ba a, m’ani begye ho sɛ mehu w’adwene wɔ asɛm yi ho.”

4. Dɛn na yebetumi aka bere a yɛde kratawa no rema wɔ mmɔnten so no?

4 Bere a Yɛredi Adanse wɔ Mmɔnten So: Wubetumi akyia onipa no na woaka sɛ: “So woabisa nsɛm yi bi pɛn? [Twɛn ma ommua.] Kratawa yi fi Bible mu de ɛho mmuae a emu da hɔ na ɛtɔ asom ma.” Sɛ onipa no wɔ bere a, wubetumi ne no asusuw mmuae a ɛwɔ kratawa no mu biako ho, na mpo wode Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ama no.

5. Ɛtɔ mmere bi a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de kratawa no adi dwuma wɔ afie a yɛanto obiara wom no?

5 Bere a Yɛanto Obiara wɔ Fie: Wɔ nsasesin bi mu no, adawurubɔfo taa de nhoma hyɛ baabi a ɛrentwetwe afoforo adwene wɔ afie a wɔnto obiara wom no. Sɛ saa na mo asafo no taa yɛ a, dɛn nti na ɛwom ara a wunnyaw So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no bi wɔ afie mu? Sɛ wosan kɔ hɔ a, wubetumi aka sɛ: “Nnaano yɛbaa ha, nanso yɛanto wo, enti yɛde kratawa yi bi hyɛɛ wo pon ase maa wo. Nsɛmmisa yi mu nea ɛwɔ he na wobɛpɛ sɛ wunya ho mmuae?”

6. Dɛn nti na So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no yɛ adwinnade a etu mpɔn a yɛde di adanse?

6 So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no kyerɛkyerɛ nokware no mu tiawa a asete nso nyɛ den. Nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow mu na ɛsono wɔn amammerɛ nyinaa ani gye ho. Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛde bɛma; mmofra ne adawurubɔfo a wɔyɛ foforo mpo betumi de ama. So wode di dwuma bere biara a ɛfata?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena