Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase December 20
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 20
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Beresosɛm 20-24
No. 1: 2 Beresosɛm 20:1-12
No. 2: Sɛ Yɛpɛ sɛ Yesua Kasa Kronn no na Yɛka a, Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ? (Sef. 3:9)
No. 3: So na Yesu Kristo Yɛ Onipa Ankasa? (rs-E kr. 209 ¶1-4)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ. Fa Bere Tiaa mu Akwampaefo Titiriw a wɔbɛyɛ no Nkaedi bere mu ho nkaebɔ ne Ɔsom Adwuma Nkɔso ka ho.
15 min: So Woasɔ Ahwɛ? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma ɔkasa tiawa fa tĩ nsɛm a ɛbaa Yɛn Ahenni Som mu nnansa yi no mu: “So Woayɛ Sɛnea Wɔyɛ Bible Adesua wɔ Nsrahwɛ a Edi Kan mu Akyerɛ Obi Pɛn?” ne “Sɛnea Yɛbɛtete Wɔn a Wɔyɛ Foforo Ma Wɔaka Asɛm No” (km 5/10) ne “Wubetumi Adi Adanse Wɔ Bɔnnɔ So!” (km 8/10). Ma atiefo nka ɔkwan a wɔafa so de nyansahyɛ yi adi dwuma ne mfaso a wɔanya wɔ so no ho asɛm.
15 min: “Nsɛm Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ansa na wubefi nkɔmmɔbɔ no ase no, ma wɔnkyekyɛ January 1, 2011, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no mma adawurubɔfo a wɔamfa wɔn de amma no. Ma wɔmfa asɛm “Learn From God’s Word—Why Learn From God?” no nyɛ sɛnea wofi Bible adesua ase ho ɔyɛkyerɛ fa wie.