Nsɛm Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase
1. Nsɛm foforo bɛn na ɛbɛba Ɔwɛn-Aban a wɔayɛ ama ɔmanfo no mu, na wɔyɛe sɛ yɛmfa nyɛ dɛn?
1 Efi ɔsram a ɛreba no, nsɛm foforo bi bɛba Ɔwɛn-Aban a wɔayɛ ama ɔmanfo no mu a ɛbɛboa ma yɛafi Bible adesua ase. Asɛmti no ne “Learn From God’s Word.” Ɛwom sɛ ebinom a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ani begye ho sɛ wɔn ankasa bɛkenkan nea ɛbɛba no mu biara de, nanso wɔyɛe sɛ yɛne afoforo nsua.
2. Nsɛm a ɛbɛba no afã ahorow no bi ne dɛn?
2 N’afã Ahorow: Wɔayɛ asɛmti no ne nsɛmti nketewa no nyinaa nsɛmmisa a yɛne ofiewura no besusuw ho. Wɔatwe adwene asi kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no so, na wɔamfa emu nsɛm amma mu sɛnea ɛbɛyɛ a ofiewura no bɛkenkan afi Onyankopɔn Asɛm mu tẽẽ. Wɔayɛ nkyekyɛm no ntiantiaa na ama yɛatumi ne afiewuranom asusuw ho wɔ wɔn pon ano. Ɔfã biara a ɛbɛba no bɛtwe adwene asi Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no so na aboa yɛn ma yɛadan adesua no akɔ nhoma no so wɔ bere a ɛfata mu.
3. Sɛ yɛreyɛ afie afie asɛnka adwuma no a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛm yi afi Bible adesua ase wɔ ɔpon ano?
3 Sɛnea Yɛde Bedi Dwuma: Sɛ wode nsɛmma nhoma rema a, wubetumi abisa asɛm bi de akanyan ofiewura no adwene wɔ asɛmti no ho. Sɛ nhwɛso no, January 1 nsɛmma nhoma no ka mfaso a ɛwɔ Bible no so ho asɛm. Wubetumi abisa sɛ: “So wubu Bible no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm anaasɛ nhoma pa bi kɛkɛ? [Twɛn ma ommua.] Mewɔ nsɛmma nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ asɛm yi mu.” Bisa asɛm a edi kan no, afei kenkan nkyekyɛm a edi kan no, na kenkan kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so no. San bisa asɛm no bio, na ma ofiewura no mma ho mmuae. Momfa nsɛmmisa no nsusuw nkyekyɛm dodow a mubetumi ho. Ansa na wubefi hɔ no, twe adwene si asɛmmisa a edi hɔ no so, na hyɛ bere pɔtẽẽ a wobɛsan akɔ hɔ ne no akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so. Nnawɔtwe biara san kɔ ne nkyɛn na wo ne no nkosusuw nsɛm no bi ho kosi sɛ wobɛkɔ akɔma no nsɛmma nhoma foforo. Ɔkwan foforo nso ne sɛ wobɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ ofiewura no tẽẽ. Afei fa nsɛmma nhoma no kyerɛ no sɛnea wɔyɛ adesua no.
4. Sɛ yɛreyɛ sankɔhwɛ a, ɔkwan bɛn so na yebetumi de ɔfã foforo yi adi dwuma?
4 Wubetumi nso de nsɛm foforo yi adi dwuma yiye bere a worekyekyɛ nsɛmma nhoma anaa woreyɛ sankɔhwɛ no. Wubetumi aka sɛ: “Wɔde ɔfã foforo bi aba yɛn Ɔwɛn-Aban no mu. Ma menkyerɛ wo sɛnea wɔde di dwuma.” Yegye di sɛ ɔfã foforo yi bɛboa nnipa pii ma ‘wɔabenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.’—1 Tim. 2:4.