Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/08 kr. 8
  • Wode Ne Nyinaa Redi Dwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wode Ne Nyinaa Redi Dwuma?
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm Foforo a Yɛde Befi Bible Adesua Ase
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Yɛde Ma Yɛn Akenkanfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛbɛboa Yɛn Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban no mu Nsakrae a Ɛyɛ Anigye!
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 8/08 kr. 8

Wode Ne Nyinaa Redi Dwuma?

1 “Me ho pere me sɛ mede bɛkɔ asɛnka!” Saa na onuawa bi kyerɛwee bere a ɔkenkan January 1, 2008, Ɔwɛn-Aban no. So woasusuw nsɛm a ɛtaa ba Ɔwɛn-Aban a wɔde ma ɔmanfo no mu bi ho, na woahu akwan a wobɛfa so de adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu no?

2 “Nea Yesua Fi Yesu Hɔ”: Ebia woahu sɛ ɔfã yi betumi aboa wo ma woafi Bible adesua ase. Sɛ wunnya nyɛɛ saa a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan asɛmti no akyerɛ ofiewura no, na twe n’adwene si nea Yesu kae wɔ asɛm no ho so, sɛnea wɔada no adi wɔ nkyekyɛm a edi kan no mu no. Sɛ ofiewura no kyerɛ asɛm no ho anigye a, bɔ mmɔden ne no nkɔ so nsusuw nsɛmti nketewa a wɔayɛ no nsɛmmisa a ɛkanyan adwene no ho. Ma ofiewura no nkyerɛ n’adwene wɔ asɛmmisa no ho. Kyerɛkyerɛ sɛnea mfonini no fa asɛm no ho mu tiawa, na kɔ nkyekyɛm foforo so. Wubetumi ne no asusuw asɛm no mu fã ho wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu, na moasusuw nea aka no ho wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu. Siesie wo ho sɛ wo ne no bɛtoa adesua no so wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu.

3 “Nea Ɛma Abusua Nya Anigye”: Asɛm yi a ɛba asram abiɛsa biara no botae ne sɛ ɛbɛboa okununom, ɔyerenom, ne awofo ma wɔahu sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma bere a wɔredi ɔhaw bi a ebetumi asɛe abusua no asomdwoe ho dwuma no. Wubetumi de asɛm yi aboa wɔn a wɔnyɛ Adansefo no nso ma wɔahu nyansasɛm a ɛwɔ Bible mu no.—2 Tim. 3:16, 17.

4 Nsɛm a Wɔasiesie Ama Mmofra: “Mmofra Afã” no ma akenkanfo nya hokwan dwennwen Bible mu asɛm pɔtẽẽ bi a esii ho. Wubetumi de nsɛm yi aboa mmabun a wuhyia wɔn wɔ asɛnka mu no ma wɔahu mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a wobesua so. (Dw. 119:9, 105) Sɛ worekasa akyerɛ awofo a, wubetumi aka “Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma” a ɛba asram abien biara no ho asɛm. Asɛm yi betumi aboa mmofra nkumaa ma wɔasua biribi a ɛho hia afa nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm no ho. So woanya hokwan ne wo mma akenkan nsɛm yi?

5 Nsɛm Afoforo a Ɛwom: Ɔsram biara, “Nsɛm a Akenkanfo Bisa” afã no susuw nsɛmmisa a wɔn a wɔnyɛ Adansefo betumi abisa no ho. Wubetumi aka ɔfã yi ho asɛm bere a wode nsɛmma nhoma rema wɔ afie afie mu no. Ɔfã a ɛne “Krataa a Efi . . .” no yɛ nsɛnnennen a asɛmpatrɛwfo ne afoforo hyia wɔ wɔn som adwuma no mu a wɔn ankasa akyerɛw. Nsɛm yi betumi aboa anigyefo ma wɔahu sɛnea wɔreka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa sɛnea Kristo kae sɛ ɛbɛyɛ ne mmae ho sɛnkyerɛnne no.—Mat. 24:3, 14.

6 “Bɛn Onyankopɔn” a ɛba ɔsram biara a egyina Bible akenkan a ɛwɔ Teokrase Ɔsom Sukuu so no betumi aka nnipa akomapafo ma wɔasua Yehowa ho ade pii. Wɔayɛ ɔfã a ɛne “Suasua Wɔn Gyidi” a ɛba mpɛn anan afe biara no sɛ ɛmmoa akenkanfo ma wontwa nsɛm a esisii wɔ Bible mu no ho mfonini, na aboa wɔn ma wɔakyerɛ nneɛma a nnipa a Bible kaa wɔn ho asɛm no yɛe, ɔhaw a wohyiae, ne wɔn gyidi, ho anigye.

7 Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ ɔsram biara yenya Ɔwɛn-Aban a wɔasiesie ama yɛn sɛ yɛmfa nkɔ asɛnka! Ɛnde, sɛnea ɛte biara no, momma yenhu emu nsɛm no yiye na yɛmfa mma wɔ asɛnka mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena