Nsɛm a Ɛbɛboa Yɛn Wɔ Asɛnka Mu
1. Atirimpɔw abien bɛn nti na wɔyɛɛ ɔfã a ɛne “Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ” no?
1 Ɛwom ara a, ɔfã a ɛne “Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ” ba Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo no mu. Atirimpɔw abien bi nti na wɔyɛɛ ɔfã yi. Nea edi kan ne sɛ, ɛma yetumi de Bible no kyerɛkyerɛ ma etu mpɔn. Nea ɛto so abien, ɛma yehu sɛnea yɛbɛyɛ anifere bere a yɛne nkurɔfo resusuw nsɛm pɔtee bi ho. (1 Pet. 3:15) Yɛbɛyɛ dɛn de saa nsɛm yi ayɛ adwuma yiye?
2. Yɛbɛyɛ dɛn de ɔfã yi ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu?
2 Fa Yɛ Adwuma wɔ Asɛnka Mu: Wubetumi de Ɔwɛn-Aban a ɔfã yi bi wom no asie. Enti sɛ ofiewura, anaa onigyeni, anaa Bible suani bi bisa asɛm bi anaa ɔka biribi a wɔaka ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban no bi mu a, wubetumi ama no biako, na afei woaka akyerɛ no sɛ wopɛ sɛ wo ne no susuw ho. Sɛ wunni Ɔwɛn-Aban no bi a, wubetumi akɔ jw.org akɔtwe bi.
3. Yɛbɛyɛ dɛn ne ofiewura bi asusuw saa ɔfã yi bi ho?
3 Wobɛyɛ dɛn ne obi asusuw nsɛm yi bi ho? Anuanom binom ma onii no kenkan ofiewura no nsɛm no, na wɔn nso kenkan Ɔdansefo no nsɛm. Sɛ ofiewura no kenkan asɛm no fi Ɔwɛn-Aban no mu tẽẽ a, ɛbɛma watumi ahwehwɛ yɛn gyidi mu ma n’ani agye.—Deut. 32:2.
4. Yɛbɛyɛ dɛn de nsɛm a ɛba ɔfã yi mu no atete yɛn ho?
4 Tete Wo Ho na Tete Afoforo Nso: Sɛ worekenkan nsɛm yi a, hyɛ sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu de kyerɛw nsɛm ne mfatoho ahorow ayɛ adwuma wom no nsow. Afei fa nea wɔasua no yɛ adwuma wɔ asɛnka mu. (Mmeb. 1:5; 9:9) Onuawa bi kae sɛ, “Sɛ mekenkan saa nsɛm yi a, mete nka te sɛ nea meresua biribi afi ɔkwampaefo a ne ho akokwaw a ɔde mmuae a ɛtɔ asom rema obi nkyɛn!”
5. Yɛbɛyɛ dɛn atete yɛn Bible asuafo ama asɛnka adwuma no?
5 Wubetumi de nsɛm a epue Ɔwɛn-Aban mu yi aboa wo Bible asuafo ma wɔde akɔ asɛnka. Wo ne osuani no mmom nkenkan. Ma ɔnyɛ ne ho sɛ Ɔdansefo no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛn Bible asuafo ahu sɛnea wɔbɛfa anifere kwan so aka wɔn gyidi ho asɛm. (Kol. 4:6) Nokware mu no, eyi nso ka akwan pii a Yehowa fa so boa yɛn ma ‘yɛyɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ’ no ho.—2 Tim. 4:5.