Nsɛm Foforo a Edidi So a Ɛbɛba Ɔwɛn-Aban no Mu
Wɔ Memeneda a edi kan wɔ ɔsram biara mu no, yɛde nsɛm a edidi so a ɛwɔ “Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu” a ɛba Ɔwɛn-Aban mu no fi Bible adesua ase. Efi January rekɔ no, wɔde “Bible Nsɛmmisa a Wɔabua,” a ɛbɛba Ɔwɛn-Aban a ɛyɛ ɔmanfo de akyi no besi “Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu” no ananmu. Yebetumi de “Bible Nsɛmmisa a Wɔabua” no adi dwuma wɔ asɛnka mu te sɛ sɛnea na yɛde “Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu” no di dwuma no ara pɛ. (km 12/10 kr. 2) Sɛnea wɔyɛ dedaw no, wɔde nsɛm a yebetumi aka wɔ Memeneda a edi kan wɔ ɔsram no mu no bɛba Yɛn Ahenni Som no mu.