Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase December 27
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 27
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 2 Beresosɛm 25-28
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ. “Afe 2011 Calendar no Twe Adwene Si Abusua Som So.” Ɔkasa.
10 min: Sɛnea Kratasin a Wɔhwɛ so Kasa Betumi Aboa Yɛn wɔ Asɛnka Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 167 kosi kratafa 168, nkyekyɛm 1 so. Ma ɔdawurubɔfo bi mfa nhoma a yɛde bɛma ɔsram a edi hɔ no nyɛ ɔyɛkyerɛ a ne nkutoo rekasakasa. Ɔde simma kakra susuw nsɛm a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛka ho ansa na wakɔ asɛnka.
10 min: Atifi Dwen, Ɛyɛ Abotiri a Ɛyɛ Fɛ. (Mmeb. 16:31) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina afe 2010 Yearbook no kratafa 110, nkyekyɛm 1-3 so. Sɛ mususuw osuahu biara ho wie a, ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ January Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien ka nsɛmma nhoma no mu nsɛm. Paw emu nsɛm abien anaa abiɛsa, na ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.