Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Mubetumi de eyinom mu biara ama: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu.
◼ Baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma no afe 2011, Nkaedi bere mu no asɛmti ne, “Bible Nnyinasosɛm—So Ebetumi Aboa Yɛn ma Yɛagyina Nnɛyi Nsɛnnennen Ano?”
◼ Wɔ Kwasida, April 17, a ɛyɛ da a yɛbɛyɛ Nkaedi no, yɛrenyɛ asafo nhyiam foforo biara gye asɛnka nhyiam. Asafo ahorow a wohyiam saa da yi no betumi de wɔn adesua no ahyɛ da foforo wɔ dapɛn no mu. Mmeae a asafo dodow bi hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, sɛ morennya da foforo mfa adesua no nhyɛ a, ɛnde mubetumi atwam. Sɛ ɛba saa a, monhyɛ mmusua nkuran ma wɔnyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no anwummere a wɔde yɛ Abusua Som no.