Ɔsom Adwuma Nkɔso
Mfe anan a atwam no, daa akwampaefo a wɔwɔ Ghana no dodow anya nkɔanim fi 4,610 akodu 8,257. Wɔn a wɔyɛ akwampaefo no mu dodow no ara yɛ mmabun. Eye paa sɛ Yehowa asomfo pii asi wɔn bo sɛ wɔde wɔn mmabunbere bɛyɛ adwuma a ɛso bi nni wɔ wiase yi mu, ma enti wɔfata nkamfo yiye. (Dw. 110:3) Bere rekɔ so no, akwampae adwuma no betumi abue hokwan foforo ama wɔn wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Wo nso wobɛyere wo ho na woabɛka adwumayɛfo a wɔwɔ anigye yi ho?