Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase July 18
DAPƐN A EFI ASE JULY 18
Dwom 98 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 6 ¶17-24, adaka a ɛwɔ kr. 48 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Dwom 74-78 (Simma 10)
No. 1: Dwom 77:1-20 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Akwan a Yebetumi Afa So Asiw Ɔbonsam Kwan—Yak. 4:7 (Simma 5)
No. 3: Onyankopɔn Ahenni Bɛtew Yehowa Din Ho—rs-E kr. 227 ¶3-5 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
15 min: Dɛn na Yesua Fi Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Monkenkan Yohane 4:3-24 na munsusuw ho. Munsusuw sɛnea yebetumi asuasua Yesu wɔ yɛn asɛnka adwuma mu no ho. Afei ma ɔdawurubɔfo bi mfa tebea a yɛtaa hyia no mu bi nyɛ bɔnnɔ so adansedi ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “So Wo Mma Asiesie Wɔn Ho?” Nsɛmmisa ne mmuae. Ma awofo ne mmabun nka nsɛnnennen pɔtee a Kristofo hyia wɔ sukuu mu no bi ho asɛm. Sɛ mususuw nkyekyɛm 3 ho wie a, ma agya bi ne ne ba nyɛ ɔyɛkyerɛ. Agya no yɛ ne ho sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, na ne ba no kyerɛkyerɛ no nea enti a ɔrentumi mfa ne ho nhyɛ sukuu dwumadi anaa adeyɛ bi a n’ahonim mma no kwan mu no mu.
Dwom 91 ne Mpaebɔ