Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase January 2
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 2, 2012
Dwom 118 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 15 ¶1-7, adaka a ɛwɔ kr. 116 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yesaia 24-28 (Simma 10)
No. 1: Yesaia 27:1-13 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Mma W’adwene Nnhinhim Da wɔ Ɔdɔ a Yehowa wɔ Ma Wo no Ho—Yes. 57:15 (Simma 5)
No. 3: Dɛn Ne Onipa Asetena Atirimpɔw?—rs-E kr. 243 ¶3–kr. 244 ¶4; +bh kr. 27 ¶1, 2 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. Ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 4 yi nyɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ January mu no ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asafo mu ahiade.
15 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ January Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien ka nsɛmma nhoma no mu nsɛm kakra a asasesin no mufo ani begye ho kyerɛ. Afei, gyina Watchtower no mu nsɛm a edi kan no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛw nsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Awake! no nso mu nsɛm a edi kan no di dwuma, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden paa mfa Awake! no mma wɔ nsasesin a nnwuma wom mu. Ma ɔsom adwuma sohwɛfo no nka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a ɛbɛma moatumi ayɛ saa ho asɛm. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wɔreyɛ Awake! no ho ɔyɛkyerɛ a, ma wɔnkyerɛ ɔkwan a yebetumi afa so de ama wɔ nsasesin a nnwuma wom mu.
Dwom 86 ne Mpaebɔ