Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase March 26
DAPƐN A EFI ASE MARCH 26
Dwom 92 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 18 ¶12-18 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yeremia 12-16 (Simma 10)
No. 1: Yeremia 13:1-14 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Henanom na Ɛsɛ sɛ Wodi Awurade Anwummeduan no Bi?—rs-E kr. 267 ¶5–kr. 268 ¶1 (Simma 5)
No. 3: Mpɛn Dodow Ahe na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ Nkaedi no, na Bere Bɛn?—rs-E kr. 269 ¶1-2; +bh kr. 206 ¶1-3 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ. Ka nsasesin a aka a munnya nkyekyɛɛ Nkaedi ho nsato krataa no wom no ho asɛm kyerɛ asafo no.
10 min: Mommma Mo Werɛ Mmfi Ahɔhoyɛ. (Heb. 13:1, 2) Ɔkasa a asafo mu panyin ma. San ka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ ama Nkaedi no ho asɛm. Kyerɛ akwan a obiara betumi afa so ada ahɔhoyɛ adi akyerɛ ahɔho ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw a wɔbɛba bi no. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien. Wɔ nea edi kan no mu no, ɔdawurubɔfo bi rema obi a wɔmaa no nsato krataa no bi wɔ ɔsatu no mu akwaaba ansa na wɔafi dwumadi no ase. Wɔ nea ɛto so abien no mu no, ɔdawurubɔfo no ne onii no reyɛ nhyehyɛe wɔ dwumadi no awiei na ama watumi akɔboa no ma anigye a ɔwɔ no ayɛ kɛse.
20 min: “The Wonders of Creation Reveal God’s Glory” Video No. Nsɛmmisa ne mmuae. Fa nkyekyɛm a edi kan no mu asɛm no yɛ nnianim asɛm na fa nea etwa to no mu asɛm wie. Ma atiefo nka sɛnea wɔanya video a wɔhwɛɛ yi so mfaso ho asɛm. Munsusuw akwan a mubetumi afa so de video yi adi dwuma wɔ asɛnka mu no ho.
Dwom 110 ne Mpaebɔ