Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase December 24
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 24
Dwom 5 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 3 ¶1-6 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Sakaria 9-14 (Simma 10)
No. 1: Sakaria 11:1-13 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Henanom Mpaebɔ na Onyankopɔn Pɛ sɛ Otie?—rs-E kr. 292 ¶1–kr. 293 ¶2; +bh kr. 166 ¶5–kr. 167 ¶8 (Simma 5)
No. 3: Tebea Ahorow Bɛn mu na Yebetumi De Mmebusɛm 15:1 Ayɛ Adwuma? (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
30 min: Sɛnea Yebetumi De Yɛn Intanɛt Dwumadibea no Adi Dwuma Yiye. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw kratafa 3-6 ho. Sɛ moresusuw kratafa 4 ho a, ma wɔmfa simma 3 nyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ abusua bi a wɔrewie wɔn anwummere Abusua Som. Abusua ti no bisa nsɛm a wobetumi asusuw ho wɔ dapɛn a edi hɔ no mu. Mmofra no twe adwene si nsɛm a ɛwɔ “Mmabun” afã hɔ wɔ Intanɛt no so a wɔn ani gye ho sɛ wobesusuw ho no so. Ma atiefo nkyerɛ sɛnea wɔde jw.org no adi dwuma, anaa sɛnea wɔpɛ sɛ wɔde yɛ wɔn ankasa anaa wɔn abusua adesua. Sɛ moresusuw kratafa 5 ho a, ma wɔmfa simma 3 nyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ ɔdawurubɔfo bi a wakɔ yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ wɔ ne mobile fon anaa biribi a ɛte saa so de rebua ofiewura bi asɛmmisa a ɛfa yɛn gyidi ho. Sɛ moresusuw kratafa 6 ho a, ma wɔmfa simma 4 nyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔne obi a n’ani gye asɛm no ho a ɔpɛ sɛ ɔkenkan yɛn nhoma wɔ kasa foforo mu rebɔ nkɔmmɔ. Ɔdawurubɔfo no bue So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no anaa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma a ɛwɔ ofiewura no kasa mu wɔ ne mobile fon anaa biribi a ɛte saa so, anaa obue wɔ ofiewura no kɔmputa so na ɔne no susuw ho. Ma atiefo nka sɛnea wɔde jw.org adi dwuma wɔ asɛnka mu nkyerɛ.
Dwom 101 ne Mpaebɔ