Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase April 15
DAPƐN A EFI ASE APRIL 15
Dwom 6 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 8 ¶1-7 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Luka 13-17 (Simma 10)
No. 1: Luka 16:16-31 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Tɔ a Yɛtɔ Sin no Kyerɛ sɛ Yɛnsom Bo Mma Onyankopɔn?—Dw. 103:8, 9, 14; Gal. 6:9 (Simma 5)
No. 3: So Nnipa Nyinaa Yɛ Onyankopɔn Mma?—rs-E kr. 303 ¶3–kr. 304 ¶4; +w12 3/15 kr. 23 ¶10-12 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.
10 min: Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu—Ɔfã 2. Ɔkasa a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 112, nkyekyɛm 3 kosi kratafa 114, nkyekyɛm 1 so. Bisabisa ɔkwampaefo biako anaa baanu nsɛm ma wɔnka nsakrae a wɔyɛe ma wotumi de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu.
10 min: So Wudi Adanse wɔ W’adwuma Mu? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina nsɛmmisa a edidi so yi so. (1) Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ woma w’adwuma mufo hu sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo? (2) Wobɛyɛ dɛn ada wo ho adi? (3) Tebea bɛn na ebetumi ama wɔanya hokwan adi adanse wɔ w’adwuma mu? (4) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ wunya Bible anaa asafo nhoma ahorow wɔ w’adwuma mu? (5) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wode bere pii di adanse bere a moreyɛ adwuma no? (6) Osuahu a ɛhyɛ nkuran bɛn na wɔanya wɔ adanse a wodi wɔ adwuma mu ho?
Dwom 45 ne Mpaebɔ