Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/13 kr. 8
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2013
Yɛn Ahenni Som—2013
km 4/13 kr. 8

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. May ne June: Momfa nkratawa a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu a mowɔ bi wɔ hɔ no mu bi mma. Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. July: Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako.

◼ Mubetumi ayɛ ɔsom nhyiam a etwa to a mobɛyɛ ansa na moakɔ ɔmantam nhyiam no mu nsakrae na ama moatumi atĩ nhyiam a mobɛkɔ no ho afotu ne nkaebɔ a yesusuw ho wɔ April 22 dapɛn no mu. Ɔsram biako anaa asram abien wɔ mo nhyiam no akyi no, mubetumi de asafo mu ahiade bere no atĩ nhyiam dwumadi no mu nsɛm a adawurubɔfo ahu sɛ ɛboa wɔ asɛnka mu no mu.

◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so a wobɛpɛ sɛ wokɔ ɔmantam nhyiam no, wubetumi anya nsɛm a ɛbɛboa wo wɔ Intanɛt so. Kɔ “About Us” wɔ www.pr418.com na hwɛ “Conventions” afã hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena