Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 6
DAPƐN A EFI ASE MAY 6
Dwom 26 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 9 ¶1-7 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yohane 1-4 (Simma 10)
No. 1: Yohane 3:22-36 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Dɛn na ‘Honhom Mu a Yɛbɛnantew’ no Kyerɛ Ankasa?—Gal. 5:16 (Simma 5)
No. 3: Ɔkwan Bɛn So na Yesu Kristo Wu no Yɛ Soronko wɔ Afoforo a Wɔawu sɛ Mogya Adansefo De Ho?—rs-E kr. 306 ¶1-4; +w03 10/1 kr. 9 ¶1-4 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ May Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina asɛm a ɛda Ɔwɛn-Aban no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa, ne afei kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa Nyan! no nso di dwuma saa ara, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: Asafo mu ahiade.
10 min: Sɛ Yehowa Ansi Ofie no a, Ɛho Adwumayɛfo Brɛ Gu Kwa. (Dw. 127:1) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina afe 2013 Yearbook, kratafa 149, nkyekyɛm 1, kosi kratafa 151, nkyekyɛm 1 so. Ma atiefo nka nea wɔasua afi mu.
Dwom 47 ne Mpaebɔ