Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase April 29, 2013 mu. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.
1. Aniberesɛm a ɛfa aware ho bɛn na Yesu ma yɛkae sɛnea wɔakyerɛw wɔ Marko 10:6-9 no? [Mar. 4, w08 2/15 kr. 30 nky. 8]
2. Dɛn na ɔkra nyinaa mu a yebefi asom Yehowa no kyerɛ? (Mar. 12:30) [Mar. 4, w97 10/15 kr. 13 nky. 4]
3. Dɛn ne “awoko yaw” a wɔaka ho asɛm wɔ Marko 13:8 no? [Mar. 11, w08 3/15 kr. 12 nky. 2]
4. Nhoma ahorow bɛn na Luka hwehwɛɛ mu bere a na ɔrekyerɛw n’Asɛmpa no? (Luka 1:3) [Mar. 18, w09 3/15 kr. 32 nky. 4]
5. Ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛne sɛ Satan hwehwɛ “bere foforo” a ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ sɛ yebekura yɛn mũdi mu no kanyan yɛn ma yɛyɛ dɛn? (Luka 4:13) [Mar. 25, w11 1/15 kr. 23 nky. 10]
6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 6:27, 28 no adi dwuma? [Mar. 25, w08 5/15 kr. 8 nky. 4]
7. Dɛn nti na Yesu tumi de ɔbea bi bɔne firii no ansa na ɔrewu sɛ agyede afɔrebɔ no? (Luka 7:37, 48) [Apr. 1, w10 8/15 nkr. 6-7]
8. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo ‘tan’ wɔn abusuafo? (Luka 14:26) [Apr. 15, w08 3/15 kr. 32 nky. 1; w92 7/15 kr. 9 nky. 3-5]
9. Tumi bɛn na ‘nsɛnkyerɛnne a ɛbɛba owia ne ɔsram ne nsoromma so’ no benya wɔ nnipa so? (Luka 21:25) [Apr. 22, w97 4/1 kr. 15 nky. 8-9]
10. Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua sɛnea Yesu bɔɔ mpae no? (Luka 22:44) [Apr. 29, w07 8/1 kr. 6 nky. 2]