So Wotaa Hwɛ Amanneɛbɔ Pon no So?
Asafo mu mpanyimfo, asomfo, ne afoforo a wɔde asɛyɛde ahyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu taa hwɛ amanneɛbɔ pon no so na ama wɔahu bere a wɔwɔ dwumadi. Nanso, asafo no mufo nyinaa behu nkaebɔ a ɛho hia wɔ hɔ. Wunim bere a mo kuw no besiesie Ahenni Asa no so? So ɔmansin sohwɛfo anaa Betel akyerɛw krataa a ɛho hia abrɛ mo asafo no? Wunim dapɛn yi baguam ɔkasa no asɛmti, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de ato nsa afrɛ wo Bible suani? So wɔayɛ nsakrae wɔ bere a mode kɔ adesua no mu anaasɛ wɔasakra mo asɛnka kuw no mu? Wɔmfa nsɛm a ɛte saa mu pii ho nkaebɔ mma wɔ asafo nhyiam ase bio, na ɛho renhia sɛ asafo mu mpanyimfo ka ho asɛm kyerɛ adawurubɔfo mmiako mmiako. Enti, ɛsɛ sɛ yɛtaa kɔhwɛ amanneɛbɔ pon no so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma biribiara akɔ so “fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.”—1 Kor. 14:40.