Biakoyɛ a Wɔbɛma Atra Asafo mu Mpanyimfo ne Asomfo Ntam
PENTEKOSTE afe 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, tebea a egye ntɛmpɛ bi sɔree wɔ Kristofo asafo a na wɔatew no foforo no mu. Ná wɔayɛ nhyehyɛe bi a wɔde rehwɛ akunafo a ahia wɔn. Nanso bere kakra akyi no, “huhuhuhu baa Helenifo no mu tiaa Hebrifo no, sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ no so.”—Asomafo no Nnwuma 6:1.
Asomafo no tee anwiinwii yi. “Na dumien no frɛɛ asuafokuw no bae, na wɔkae sɛ: Ɛmfata sɛ yebegyaw Onyankopɔn asɛm akɔsom apon so. Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baason a wɔwɔ din pa a honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so.”—Asomafo no Nnwuma 6:2, 3.
Eyi kyerɛkyerɛ nnyinasosɛm bi a ɛho hia a ɛwɔ Kristofo asafo no mu ho nhyehyɛe mu. Wɔma mmarima bi a wotumi di asɛyɛde ho dwuma hwɛ daa dwumadi ahorow so, bere a afoforo di honhom fam nneɛma a emu yɛ duru ho dwuma. Eyi nyɛ nea ebi mmae da. Wɔ tete Israel no, wɔpaw Aaron ne n’asefo sɛ wɔnsom sɛ asɔfo na wɔmmɔ afɔre mma Onyankopɔn. Nanso, Yehowa hyɛe sɛ Lewifo no mmoa wɔn na “wɔnhwɛ ahyiae ntamadan no mu nneɛma nyinaa so.” (Numeri 3:5-10) Saa ara na asomfo boa ahwɛfo nnɛ.
Mpanyimfo ne Asomfo Asɛyɛde
Kyerɛwnsɛm no de ahwehwɛde ahorow a ɛkorɔn sisi hɔ ma mpanyimfo ne asomfo. (1 Timoteo 3:1-10, 12, 13; Tito 1:6-9) Wonsi akan, na mmom wodi botae koro ho dwuma—asafo no denhyɛ. (Fa toto Efesofo 4:11-13 ho.) Nanso, nsonsonoe ahorow bi da adwuma a wɔyɛ wɔ asafo no mu no ntam. Wɔka kyerɛ ahwɛfo wɔ 1 Petro 5:2 sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti.” Wobebu sɛnea wodi asɛyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn nsa yi ho dwuma ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.—Hebrifo 13:17.
Asomfo nso ɛ? Kyerɛwnsɛm no nhwɛ kwan sɛ wɔn nso wobetumi akyerɛkyerɛ saa. Wɔn nnwuma yɛ soronko kakra wɔ mpanyimfo de ho. Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, akyinnye biara nni ho sɛ na asɛyɛde pii wɔ hɔ a ɛfa honam fam nneɛma, daa dwumadi, anaa nneɛma a egye ahoɔden ho, te sɛ ebia nneɛma a wɔde kyerɛw Kyerɛwnsɛm a wɔkɔtɔ anaa Kyerɛwnsɛm no ankasa a wɔkyerɛw mpo.
Ɛnnɛ, asomfo kɔ so di asɛyɛde a ɛho hia a egu ahorow ho dwuma wɔ asafo no mu, te sɛ asafo no sikasɛm ne asasesin a wɔhwɛ so, nsɛmma nhoma ne nhoma a wɔtɔn, ne Ahenni Asa so asiesie. Wotumi de asomfo bi a wɔn ho akokwaw mpo di dwuma sɛ akyerɛkyerɛfo ma ɛtɔ da bi a wɔhwɛ Asafo Nhoma Adesua so, nya ɔfã wɔ Ɔsom Nhyiam ahorow mu, na wɔma baguam ɔkasa ahorow.
Sɛ mpanyimfo ne asomfo de biakoyɛ yɛ adwuma a, wodi asafo no ahiade ahorow—honhom ne nhyehyɛe fam de nyinaa—ho dwuma wɔ ɔkwampa so. Ɛno ma asafo no mufo ani gye, wɔyɛ den, na wɔsow aba honhom mu. Kae nea Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Efeso no: “Nipadua no nyinaa ayɛ mua, esiane akwaa horow a aka atõatõam asisi so pɛpɛ na biara yɛ n’adwuma yiye nti, na ɛma nipadua no nyin na ɛyɛn ne ho ɔdɔ mu.”—Efesofo 4:16.
Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asomfo yere wɔn ho nya biakoyɛ a ɛte saa, kyerɛ sɛ, ntease, adwenkoro ne koroyɛ. Nanso, biakoyɛ a ɛte saa mma kwa. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden nya na wɔma ɛtra hɔ.
Nea Mpanyimfo Betumi Ayɛ
Ade a ɛho hia sɛ wohu ne sɛ abusuabɔ a ɛda asafo mu mpanyimfo ne asomfo ntam no nte sɛ nea ɛda owura ne akoa anaa adwumawura ne odwumayeni ntam no. Baabi a mpanyimfo ne asomfo yɛ biako ampa no, wobu asomfo no sɛ wɔn mfɛfo a wɔne wɔn som Onyankopɔn. (Fa toto 1 Korintofo 3:6-9 ho.) Romafo 12:10 ka sɛ: “Munni kan nnidi mo ho ni.” Enti mpanyimfo kwati sɛ wɔne asomfo bedi wɔ animtiaabu kwan so. Wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔbɔ wɔn tirim yɛ biribi a mfaso wɔ so sen sɛ wobebu wɔn aba mu wɔ ho. Obu a wɔkyerɛ ma asomfo no ma woyi su a ɛkyɛn so adi, na ɛma wɔde anigye yɛ adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no.
Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kae nso sɛ anuanom a wɔyɛ asomfo no ka Onyankopɔn nguan a ɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛn wɔn no ho. Ampa, wɔhwɛ kwan sɛ saa anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa yi bɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Nanso, te sɛ nguan a wɔaka no, wɔn mu biara hia sɛ ani kũ ne ho wɔ bere ne bere mu. Ɛsɛ sɛ wɔn honhom mu nkɔso ho hia mpanyimfo no kɛse.
Sɛ́ nhwɛso no, bere a ɔsomafo Paulo hyiaa aberante Timoteo no, amonom hɔ ara na ohuu Timoteo mmɔdenbɔ, na ‘ɔpɛe sɛ ɔne ɔbarima yi kɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 16:3) Timoteo bɛyɛɛ Paulo yɔnko kwantuni, na ɛma onyaa ntetee a mfaso wɔ so. Hwɛ, mfe bi akyi no, Paulo tumi kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ: “Masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu aba mo nkyɛn, ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu”!—1 Korintofo 4:17.
Mpanyimfo, so moafi ase de mo asafo mu asomfo mmɔdenbɔ no redi dwuma kosi ase? So moboa wɔn ma wonya nkɔanim denam ntetee a mode ma wɔn wɔ baguam ɔkasa ne Bible nhwehwɛmu yɛ mu so? So moato nsa afrɛ wɔn a wɔfata no sɛ wɔne mo nkɔsrasra asafo no mufo? So mo ne wɔn bom yɛ asɛnka adwuma? Wɔ talente ho bɛ a Yesu bui mu no, owura no ka kyerɛɛ n’asomfo anokwafo no sɛ: “Mo, akoa pa ne nokwafo.” (Mateo 25:23) So wo nso wufi ayamye mu de ayeyi ne nkamfo ma asomfo a wɔde ahobrɛase di wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ ɔkwampa so no? (Fa toto Mmebusɛm 3:27 ho.) Sɛ ɛnte saa a, so wɔbɛte nka sɛ wɔnkyerɛ wɔn adwuma no ho anisɔ?
Nkitahodi nso ho hia na ama wɔde biakoyɛ abom ayɛ adwuma. (Fa toto Mmebusɛm 15:22 ho.) Ɛnsɛ sɛ wɔde dwumadi hyɛ obi nsa anaa wogye fi ne nsam wɔ ɔkwan a ɛmfata anaa ntease nnim so. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de mpaebɔ susuw sɛnea wobetumi de nneɛma a onua bi bɔ ho mmɔden adi dwuma wɔ asafo no mu ma ɛso aba mfaso koraa no ho. (Fa toto Mateo 25:15 ho.) Sɛ wɔde adwuma bi hyɛ onua bi nsa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ no dekode pɔtee a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no yiye. Mmebusɛm 11:14 bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea akwankyerɛ nni no, ɔman hwe ase.”
Ɛnyɛ nea eye sen biara ne sɛ wɔbɛka akyerɛ onua bi kɛkɛ sɛ onnye sikasɛm, nsɛmma nhoma, anaa nhoma sohwɛ adwuma no mfi ɔsomfo foforo nsam. Ɛtɔ da bi a ɔsomfo a wɔde adwuma hyɛ no nsa foforo no kɔto kyerɛwtohɔ pii a enni mũ. Hwɛ abasamtu a ɛyɛ! Wɔde ahyɛde ma wɔ 1 Korintofo 14:40 sɛ: “Wɔnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.” Ɛsɛ sɛ mpanyimfo di kan tete anuanom ma wohu ɔkwan a wɔfa so yɛ nneɛma wɔ asafo no mu, na wɔn ankasa fa akwan a ɛtete saa ara so de yɛ nhwɛso. Sɛ́ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ asafo no sikasɛm mu asram abiɛsa biara. Nhyehyɛe a ɛho hia sɛɛ yi a wobebu wɔn ani agu so no betumi de nsɛnnennen aba, na abrɛ obu a asomfo no wɔ ma ahyɛde a ɛkyerɛ akwan a wɔmfa so nni nneɛma ho dwuma no ase.
Nanso sɛ ɛyɛ te sɛ nea onua bi bu n’ani gu asɛyɛde pɔtee bi ho dwumadi so nso ɛ? Sɛ́ anka mpanyimfo no de ahopere begye n’asɛyɛde no afi ne nsam no, ɛsɛ sɛ wɔne no susuw asɛm no ho. Ebia na adwuma no na wɔnkyerɛɛ no n’ani so. Sɛ ɛkɔ so yɛ den ma onua no sɛ ɔbɛyɛ n’adwuma no a, ebia ɔbɛbɔ mmɔden wɔ adwuma foforo mu.
Ahobrɛase a mpanyimfo bɛda no adi nso betumi de biakoyɛ aba. Filipifo 2:3 hyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wonnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom wɔmfa ahobrɛase adwene mmu wɔn yɔnkonom nkyɛn wɔn ankasa ho.’ Enti sɛ obi a ogye ahɔho kyerɛ ɔpanyin bi baabi a ɔntra wɔ asa no so a, ɛsɛ sɛ ɔpene so, a onsusuw sɛ esiane sɛ ɔyɛ ɔpanyin nti, ɛho nhia sɛ otie. Ebia na nea ogye ahɔho no rehwɛ ma wɔde nyansahyɛ a ese wɔnsakra faako a wɔtra no adi dwuma kɛkɛ, ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ wɔnhyɛ obiara sɛ ɔnyɛ saa de.a Ɔpanyin bɛkwati sɛ obebu ɔsomfo bi gyinaesi horow so wɔ nneɛma a wɔde ahyɛ ne nsa ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so.
Biakoyɛ a Asomfo Bɛbɔ Mmɔden Ama Aba
Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Asafo mu asomfo nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duru.” (1 Timoteo 3:8) Asɛyɛde ahorow a wobebu no anibere—sɛ́ ɔsom kronn a wɔde ma no fa—no boa yiye ma wɔkwati ɔhaw ahorow. Sɛ woyɛ ɔsomfo a, so wode anigye di w’asɛyɛde ho dwuma? (Romafo 12:7, 8) So woma w’ani kũ wo nnwuma ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ahokokwaw de adi nneɛma ho dwuma? So woyɛ obi a onni huammɔ na wotumi de ho to no so? Sɛ ɛba dwumadi ahorow so a, so wunya ɔpɛ honhom? Asafo mu ɔsomfo bi a ɔwɔ Africa man bi mu yɛ nnwuma ahorow abiɛsa wɔ asafo no mu. Ɔyɛ n’ade dɛn wɔ ho? Ɔka sɛ: “Nea ɛhwehwɛ ara ne sɛ wobɛyɛ adwumaden pii, na adwumaden renkum wo.” Nokwarem no, wɔn a wotu wɔn ho ma nya anigye a ɛkyɛn so.—Asomafo no Nnwuma 20:35.
Wo nso wubetumi ayɛ pii ma biakoyɛ aba denam mpanyimfo no a wobɛboa wɔn akosi ase so. Hebrifo 13:17 ka sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.” Ampa, mpanyimfo no nyɛ pɛ, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya wɔn ho mfomso. Nanso ɔkasatia su de adwemmɔne ba. Ebetumi asɛe w’anigye na anya afoforo a wɔwɔ asafo no mu so nkɛntɛnso bɔne. Enti ɔsomafo Petro de afotu yi mae sɛ: “Mo mmofra nso, momfa mo ho nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho . . . Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu.”—1 Petro 5:5, 6.
Afotu a ɛte saa fata, titiriw bere a wote nka sɛ wɔde ɔsom hokwan a ɛfata wo kame wo. Ebia na ‘worehwehwɛ hwɛfodwuma’ nanso wɔmpaw wo. (1 Timoteo 3:1) Ahobrɛase adwene betumi aboa wo ma ‘w’ani ada so ara.’ (Kwadwom 3:24) Sɛ́ anka wo bo befuw mpanyimfo—ade a ɛda adi sɛ ɛbɛsɛe mo ntam abusuabɔ—no, bisa wɔn sɛ mmeae bi wɔ hɔ a ebia ɛho behia sɛ woyɛ pii ka ho a. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔpɛ a wufi nokwaredi mu benya sɛ wubegye afotu atom na wode adi dwuma no bɛda no adi sɛ woanyin wɔ honhom mu.
Ɔsoro ahobrɛase ne odwo bɛboa ɔsomfo a ɔbɔ mmɔden kɛse wɔ nneɛma bi mu anaa ne nhomasua anaa ne dibea kɔ anim ma wakari pɛ. Hwɛ sɛnea ebetumi ayɛ asiane ama no sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ade asen mpanyimfo no anaa ɔbɛtwe adwene asi n’ankasa mmɔdenbɔ so! Mmebusɛm 11:2 kae yɛn sɛ “ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” Onua a ɔbrɛ ne ho ase nim baabi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ade kodu. Ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ adwuma de ne mmɔdenbɔ aboa mpanyimfo no bere a ɔmmɔ no dawuru. Ahobrɛase bɛboa no nso ma wahu sɛ ɛmfa ho sɛ ebia ɔwɔ wiase nimdeɛ pii no, ebetumi aba sɛ ɔda so tɔ sin wɔ honhom fam nyansa ne nhumu a ɛho hia no mu—su horow a ebia mpanyimfo no bɔ mmɔden wom.—1 Korintofo 1:26–2:13; Filipifo 1:9.
Ɛda adi pefee sɛ mpanyimfo ne asomfo di dwuma horow a ɛho hia. Wobetumi abom ahyɛ asafo no mufo nyinaa den. Nanso nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ saa no, ɛsɛ sɛ wɔde biakoyɛ bom yɛ adwuma ‘ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa ne abodwokyɛre mu, kurakura wɔn ho mu ɔdɔ mu, na wɔbɔ mmɔden de asomdwoe hama kura honhom biakoyɛ mu.’—Efesofo 4:2, 3.
[Ase hɔ asɛm]
[Kratafa 27 mfonini ahorow]
Mpanyimfo mmmu asomfo sɛ adwumayɛfo a wɔhyɛ wɔn ase, na mmom sɛ wɔn mfɛfo asomfo ma Onyankopɔn