Asafo Mu Asomfo Munkura Gyinabea Pa Mu!
1. Bere a wɔapaw obi sɛ asafo mu ɔsomfo akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ne botae, na dɛn na afoforo a wɔwɔ asafo no mu bɛpɛ sɛ wɔyɛ?
MMARIMA a mprempren wɔyɛ asafo mu asomfo no yɛ wɔn a ‘wɔasɔ wɔn ahwɛ kan.’ (1 Timoteo 3:10) Nanso paw a wɔpaw wɔn no nkyerɛ sɛ afei de wɔawie. Wɔn botae ne sɛ wɔbɛkɔ so ‘anya gyinabea pa’ denam wɔn nnwuma a wɔyɛ wɔ “ɔkwan pa so” no so. (1 Timoteo 3:13, NW) Kristofo asafo a biakoyɛ wom no muni biara bɛpɛ sɛ ɔboa wɔn na ama wɔadu botae yi ho.
2. Ɔkwan bɛn so na nea asafo mu asomfo yɛ no ka asafo no mufo?
2 Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ adwuma a Kristo honhom nipadua no mufo nyinaa bom yɛ ne wɔn ho wɔn ho ho a wosusuw no de mfaso brɛ wɔn. (1 Korintofo 12:12-31) Saa ara na sɛ asafo mu asomfo yɛ wɔn adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no wɔ “ɔkwan pa so” a, Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no muni biara nya mu mfaso. Nanso sɛ asafo mu asomfo hyia ɔhaw ahorow a ɛmma wontumi nyɛ wɔn nnwuma yiye a, eyi betumi ayɛ ɔhaw ama asafo no mufo nyinaa.
3. (a) Ɔhaw ahorow bɛn na Yehowa nkurɔfo nyinaa taa hyia? (b) Dɛn na nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi boa ma yɛtumi kyerɛkyerɛ mu?
3 Yehowa nkurɔfo nyinaa wɔ ɔko koro no ara a ‘ɛnyɛ wɔne mogya ne honam na anya, na mmom . . . ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔnom.’ (Efesofo 6:12) Bio nso, Yehowa asomfo nyinaa reko atia wɔn ankasa sintɔ ne bɔne su ahorow. Nanso, sɛ kuw no, asafo mu asomfo hyia ɔhaw ahorow bi a ɛda adi kɛse wɔ wɔn ho sen Yehowa Adansefo afoforo a wɔaka no nyinaa. Nea ɛbɛboa ma yɛakyerɛkyerɛ eyi mu ne asafo bɛboro 320 a asafo mu asomfo 1,360 wom wɔ ɔman bi a ɛwɔ Europa atɔe fam mu ho nhwehwɛmu a wɔyɛe nnansa yi no.
Ɔhokwafoyɛ Ne Aware
4. Ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo a wɔnwaree bu wɔn ahokwafoyɛ no dɛn, na nkuranhyɛ bɛn na afoforo betumi de ama wɔn?
4 Ɛdefa asafo mu asomfo a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no ho no, wɔn mu bɛboro ɔha biara mu 10 da so ara yɛ ahokwafo. Enti wonni asɛyɛde ahorow bi a wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu 90 a wɔaware wɔ no. Nanso ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ ahokwafo no hwɛ yiye sɛ wɔremfa ahofadi yi nni nneɛma a wɔn ankasa pɛ, te sɛ ahomegye ne anigyede akɛse akyi. Saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔma awosu mu akɔnnɔ a wɔwɔ sɛ wɔbɛware no di biribi foforo biara a ɛwɔ asetra mu no kan. (Mateo 6:33) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔma nhyɛso a efi wɔn nnamfo a wɔyɛ awarefo hɔ no hyɛ wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛ aware mu ntɛm anaasɛ aware a nyansa nni mu mu. Nokwarem no, Kristofo a wosusuw wɔn ho wɔn ho ho bɛkyerɛ obu ama ahokwafo a wɔn mfɛfo gyidifo yɛ no na wɔbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde ahofadi kɛse a wɔwɔ no adi dwuma kɛse na wɔde bere pii ayɛ teokrase nnwuma na sɛ ebetumi a, wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu.
5. Asiane kɛse bɛn na ɛwɔ hɔ ma asafo mu asomfo a wɔaware no sen wɔn a wɔyɛ ahokwafo?
5 Sɛnea nhwehwɛmu a yɛadi kan aka ho asɛm no kyerɛ no, asafo mu asomfo no mu bɛyɛ ɔha biara mu 62 yɛ awofo. Wɔ wɔn fam no, asiane a ɛne ‘hyɛ a nkwa yi mu nneɛma ho dadwen bɛhyɛ wɔn koma so’ no yɛ kɛse sen anuanom a wɔyɛ ahokwafo no. (Luka 21:34-36) Enti, bere a Paulo rekamfo ɔhokwafoyɛ akyerɛ no, ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ anka munni nkɔmmɔ. Ɔhokwafo da dwen Awurade de ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani, na ɔwarefo da dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ ɔyere ani; na ɛma n’adwene yɛ nta. Nea ɔde ne baabun ma aware no yɛ no yiye, na nea ɔmfa mma aware no yɛ no yiye sen no.”—1 Korintofo 7:32-38.
6. Ɛho hia sɛ asafo mu asomfo a wɔaware no yɛ dɛn, na henanom na ebia wobetumi de nyansahyɛ ahorow a eye ama?
6 Ɛwom sɛ Yehowa nkurɔfo nnye nni sɛ ‘wɔhyehyɛ aware wɔ soro’ de, nanso wonim sɛ wohia ɔsoro nyansa na ama wɔatumi adi aware mu ɔhaw ahorow ho dwuma. (Dwom 19:7; Mmebusɛm 3:5, 6) Enti, ɛho hia sɛ asafo mu asomfo a wɔaware di afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no akyi kɛse sɛnea wobetumi. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkari pɛ wɔ wɔn abusua mu asɛyɛde ahorow ho dwumadi mu na ɛnsɛ sɛ wɔde eyi yi wɔn ho ano de bu wɔn ani gu teokrase nnwuma a wɔwɔ wɔ asafo mu no so. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, bere nhyehyɛe a wɔasusuw ho yiye ho hia. Awarefo a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ osuahu kɛse betumi de nyansahyɛ ahorow a eye ama awarefo nkumaa wɔ eyi mu, bere a wɔabisa wɔn no.
7. (a) Ɔkwan bɛn so na ebia asafo mu ɔsomfo a waware abusua nneyɛe betumi akã ne mmɔdenbɔ ne ne honhom mu nkɔso? (b) Ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo a wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware no ma dɛn tra wɔn adwene mu?
7 Mmoa a asafo mu ɔsomfo a waware nya fi n’abusua hɔ no boa no kɛse. Nokwarem no, abusua mufo a wogye ne bere pii anaasɛ wɔhwehwɛ sɛ ɔma wɔn honam fam nneɛma pii no betumi asiw ne honhom mu nkɔso kwan. Nanso abusua mũ no nyinaa nya nhyira bere a wɔboa no wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ‘ɔbɛsom wɔ ɔkwan pa so’ no mu no. (1 Timoteo 3:13) Enti hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ ansa na asafo mu ɔsomfo a ɔyɛ ɔhokwafo bɛma n’ani agye obi a ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ n’aware mu ɔhokafo ho kɛse no, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obehu sɛ ɔyɛ obi a ɔbɛma wɔanya nkɔso wɔ honhom fam!
Adwuma Ne Honam Fam Ade Dodowpɛ
8. (a) Asiane bɛn na asafo mu asomfo binom betumi ahyia wɔ honam fam adwuma ho? (b) Kyerɛw nsɛm bɛn a obi besusuw ho na ebetumi aboa no ma wako atia honam fam ade dodowpɛ?
8 Asafo mu asomfo a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no mu du biara mu baawɔtwe nnii mfirihyia 60 ɛ. Enti wɔ pii fam no, wɔda so ara yɛ honam fam adwuma a wɔde bɛhwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn mu du biara mu baanum adi fi mfirihyia 20 kosi 40—bere a nnipa a wɔwɔ wiase no mu taa de yere wɔn ho yɛ adwuma na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ wɔn anim na wɔadi yiye wɔ sikasɛm mu no. Sɛ woyɛ asafo mu ɔsomfo a wadi mfe a ɛte saa a, mmu asiane a ɛyɛ sɛ wubetumi anya wiase ne honam fam ade dodowpɛ su ahorow a ebetumi ama woayɛ mmerɛw wɔ honhom mu no sɛ ɛnyɛ kɛse biara. Mmom no, kae sɛ Paulo se: “Sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” (1 Timoteo 6:8) Yesu nso de afotu a eye a ebetumi aboa yɛn nyinaa ma yɛako atia honam fam ade dodowpɛ mae. W’ankasa kenkan eyi wɔ Mateo 6:19-34.
9. Nea ɛne Mateo 16:26 hyia no, dɛn na nyansa wom sɛ asafo mu asomfo nkumaa titiriw yɛ?
9 Ne titiriw no, mo a moyɛ asafo mu asomfo nkumaa no, monhwɛ nnipa a “wodi yiye” a wɔyɛ wiase no mu nnwuma anaasɛ wɔboaboa ahonyade ano nanso wonsusuw Yehowa ho wɔ wɔn nhyehyɛe ahorow a wɔyɛ mu no. (Fa toto Mmebusɛm 16:3; 19:21 ho.) Nyansa bɛn na ɛwom sɛ mubesuasua nnipa a wonsusuw honhom mu nneɛma ho a wɔyɛ honam fam ade dodowpɛfo a ɛrenkyɛ wɔn nkwa befi wɔn nsa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no? (Mateo 24:21) Yehowa somfo bɛn na ɔde ne gyinabea bɛsesa wɔn de no? Yesu kae sɛ, “Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?” (Mateo 16:26) Nokwarem no, nea nyansa wom a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛne Yehowa ahyehyɛde no bɛhyehyɛ daakye a ahotɔ wom mmom sen sɛ yɛne wiase a ɛresɛe a ɛda Satan tumi mu no bɛhyehyɛ nea ahotɔ nnim a ɛyɛ tiaa.—Yohane 5:19.
Nokwaredi Ma Onyankopɔn Ahenni
10. Ɛdefa amammuisɛm ho no, gyinabea bɛn na “mmerante asafo” a wɔredɔɔso a asafo mu asomfo ka ho apaw?
10 Nkɔmhyɛ kwan so no, wɔkae wɔ Yehowa Mesia Hene no ho sɛ: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, adurade kronkron mu, wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.” (Dwom 110:3) Nkɔmhyɛ yi anya mmamu fi 1914 na “mmerante asafo” a wɔredɔɔso no hu sɛ ɛsɛ sɛ wodi nokware ma Onyankopɔn Ahenni ne Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam sɛ ɔhene no kan. Enti bere a mmarima a wɔahyira wɔn ho so a asafo mu asomfo ka ho yi brɛ wɔn ho ase hyɛ nniso a ɛyɛ “tumi a ɛwɔ anuonyam” ase wɔ nsɛso kwan so no, ‘ɛsɛ sɛ wotie Onyankopɔn mmom sen nnipa’ wɔ nneɛma a wɔne wɔn adwene nhyia wɔ ho mu. (Romafo 13:1; Asomafo no Nnwuma 5:29) Sɛnea Yesu kae no, n’akyidifo ‘mfi wiase.’ (Yohane 15:19; 18:36) Wonni afã biara wɔ amanaman no amammuisɛm mu na wonim sɛ wɔanyɛ saa a, ɛbɛma wɔayɛ nnipa a wonni nokware mma Onyankopɔn Ahenni no.
11. Anuanom a wohu amane esiane sɛ wokura Kristofo afã biara a wonni no mu nti betumi anya dɛn mu ahotoso?
11 Na sɛ asafo mu asomfo anaa afoforo adwuma anaasɛ wɔn ahofadi mpo fi wɔn nsa esiane sɛ wokuraa afã biara a Kristofo nni no mu nti nso ɛ? (Yesaia 2:2-4; Yohane 17:16) Wonim sɛ wɔn honhom fam nuanom de mmoa a wobetumi de ama nyinaa bɛma wɔn wɔ honhom fam, ne sɛ ɛho hia a, honam fam nso. Eyi te saa efisɛ Yehowa nkurɔfo fi ɔdɔ mu dwen wɔn ho wɔn ho ho.—Fa toto Yohane 13:34; 1 Korintofo 12:24, 25 ho.
Hia A Osuahu Kɛse Ho Hia
12. Dɛn na ɛka ‘gyinabea pa a wobenya’ no ho?
12 Asafo mu asomfo a wɔyɛɛ wɔn ho nhwehwɛmu no mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako nnyaa mfirihyia 10 fi bere a wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo no. Ɛda adi sɛ mmarima yi agye mmoa ne akwankyerɛ a efi asafo no mufo a wɔwɔ osuahu kɛse no hɔ atom. Nanso kɔ a wɔbɛkɔ so asua nneɛma afi afoforo nkyɛn na wɔanya osuahu ka ‘gyinabea pa a wobenya’ no ho. Ɛno nso bɛkyerɛ sɛ wɔde botae ahorow besisi hɔ ama wɔn ho na wɔabɔ mmɔden sɛ wobedu ho bere nyinaa. Enti sɛ wowɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobɛyɛ nnwuma a mfaso wɔ so sɛ asafo mu ɔsomfo anaasɛ wohwehwɛ sɛ wubenya saa hokwan no a, so wode botae ahorow asisi hɔ ama’ wo ho? Sɛ nhwɛso no, dɛn nti na wunsi gyinae sɛ wobɛkenkan Bible mũ no nyinaa wɔ bere pɔtee bi mu anaasɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo wɔ asram bi mu?
13. Afotu bɛn a wɔde maa Timoteo na ɛho bɛba onua a ɔpɛ sɛ ɔyɛ asafo mu ɔsomfo anaasɛ ɔyɛ bi mprempren no mfaso?
13 Sɛ woyɛ aberante anaasɛ wunni osuahu pii a, wubetumi anya nea wɔaka wɔ 1 Timoteo 4:12-15 no mu mfaso. Ɛwom sɛ wɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ ɔhwɛfo kumaa Timoteo de, nanso onua biara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ asafo mu ɔsomfo anaasɛ ɔyɛ bi dedaw no betumi anya nea Paulo kae wɔ hɔ a ɛfa ɔkasa ne abrabɔ ho no mu fã kɛse no ara mu mfaso. ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: “Mma obi mmmu wo aberante a woyɛ no abomfiaa, na mmom yɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu. Bata ɔkenkan, afotu ne ɔkyerɛkyerɛ ho kɔsi sɛ mɛba. Mma wo mu dom akyɛde a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanyimfo nsa a wɔde guu wo so no so de maa wo no nnna hɔ kwa. Eyinom ho na bɔ mmɔden, eyinom mu na keka wo ho, na wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu.” Dɛn na ɛho hia sɛ wudi ho dwuma titiriw na ama “wo nkɔso ada adi ade nyinaa mu”? Fi mpaebɔ mu hwehwɛ nea ɛho hia sɛ woyɛ no mu na afei yɛ denam Yehowa mmoa so!
Abasamtu Ano A Wubegyina
14, 15. (a) Kyerɛwnsɛm mu nkuranhyɛ bɛn na ɛwɔ hɔ ma asafo mu asomfo a ɛsɛ sɛ wɔko tia onyin anaasɛ nyarewa no? (b) Ɔkwan bɛn so na eyinom betumi ahyɛ afoforo nkuran wɔ asafo no mu?
14 Asafo mu asomfo pii nhyia ɔhaw ahorow—a mmerante taa hyia no bio. Wɔko tia onyin anaasɛ ɔyare a etumi de abasamtu ba no. Nanso wɔn a wɔkɔ so hyɛ wɔn ho den wɔ honhom mu no betumi anya awerɛkyekye afi Paulo asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no mu: “Yɛmpa abaw, na mmom sɛ yɛn honam ani ha yi nipa resɛe mpo a, emu nipa no dan foforo daa daa. Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ma yɛn a yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu no; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ mu twa, na nneɛma a wonhu no na ɛtra hɔ daa.” (2 Korintofo 4:16-18) Yehowa asomfo a wɔwɔ asase so anidaso nso wɔ anidaso a ɛhyɛ nkuran kɛse—daa nkwa wɔ asase so paradise.—Luka 23:43; Yohane 17:3.
15 Enti saa asafo mu asomfo a wontumi nyɛ pii te sɛ afoforo esiane ahoɔden a wonni anaasɛ wɔn mfe a akɔ anim nti no wɔ ntease pa sɛ wobekura anigye ne su pa mu. Eyi da anisɔ a wɔwɔ ma nokware no ne gyidi kɛse a wɔwɔ wɔ nneɛma a ɛtra hɔ daa mu no adi. Honhom pa a ɛte sɛɛ a ahobrɛase mu a wofi som ka ho no ho bɛba obiara a ɔwɔ asafo no mu mfaso kɛse na ɛbɛhyɛ no nkuran.
16. Sɛ wɔampaw no sɛ ɔpanyin a, dɛn nti na ɛnsɛ sa asafo mu ɔsomfo ma n’aba mu bu?
16 Sɛ woyɛ asafo mu ɔsomfo a, kɔ so ‘hwehwɛ ɔhwɛfodwuma’ denam wo ɔkyerɛkyerɛ ne honhom fam su ahorow a wobɛma anya nkɔso no so. (1 Timoteo 3:1, NW) Nanso sɛ wɔampaw wo sɛ ɔpanyin ntɛm a, mma w’aba mu mmu. Kae sɛ, sɛ́ asafo mu ɔsomfo a woyɛ wo nnwuma “wɔ ɔkwan pa so” no, woreyɛ nnwuma a mfaso wɔ so, na wo ho wɔ mfaso ankasa ma asafo no. Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wobɛyɛ adwuma biara a wɔde bɛhyɛ wo nsa wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no na woaboa mfɛfo gyidifo ma wɔadi Ahenni no ho asɛnka ahyɛde no ho dwuma.—Mateo 24:14; 28:19, 20.
Sɛnea Afoforo Betumi Aboa
17. Ɔkwan bɛn so na asafo mu ɔsomfo yere ne ne mma betumi aboa no?
17 Bere a Yehowa nkurɔfo hu nnwuma a mfaso wɔ so a asafo mu asomfo yɛ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔn nyinaa boa wɔ mmɔden a wɔbɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama obi a ɔte saa sɛ ɔbɛkɔ so ‘asom wɔ ɔkwan pa so,’ sɛ ne yere ne ne mma ma wɔn ani sɔ asetra mu nneɛma a wɔwɔ na wɔanhwehwɛ afɛfɛde pii a ɛbɛma ɔde bere pii ayɛ honam fam adwuma a.—1 Timoteo 6:6-8.
18. (a) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi aboa asafo mu asomfo? (b) Dɛn nti na mpanyimfo ne asafo mu asomfo ntam nkitahodi pa ho hia?
18 Mpanyimfo betumi aboa asafo mu asomfo denam akwankyerɛ ne afotu a wohia a wɔde bɛma wɔn no so. Na bere a wɔanya nkɔso no, ɛsɛ sɛ wɔde nkamfo a eye ma. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, mpanyimfo betumi ne asafo mu asomfo akɔ asɛnka, aboa wɔn ma wɔasiesie ɔkasa ahorow, na wɔne wɔn akyɛ Kristofo osuahu kɛse a wɔwɔ no. Ɛda adi sɛ wɔabu ani agu anigye ne nkitahodi a ɛte sɛɛ so wɔ mmere horow bi mu. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔmansin sohwɛfo bi bisaa asafo mu ɔsomfo bi nea enti a ne som akontaabu sua no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na wubisa? Ayɛ nea esua mfe pii, nanso wo ne nea odi kan a waka ho asɛm.” Mpanyimfo a wɔde afotu pa a efi ɔdɔ mu ma asafo mu asomfo na wɔde boasetɔ boa wɔn wɔ wɔn haw ahorow ho no taa nya anigye a ɛne hu a wohu sɛ biribi pa fi mu ba no.
19. Ɔkwan bɛn so na asafo no muni biara betumi aboa asafo mu asomfo ma wɔakura wɔn gyinabea pa no mu?
19 Nokwarem no, asafo no muni biara betumi aboa asafo mu asomfo ma wɔakura wɔn gyinabea pa no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam boa a wɔbɛboa wɔn, afi koma mu akyerɛ wɔn adwuma no ho anisɔ no so. Sɛnea nipadua no akwaa ahorow nyinaa taa yɛ adwuma bom na ama akɔ so anya ahoɔden no, saa ara na ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa yɛ biako na ama wɔanya honhom mu ahoɔden. (Fa toto 1 Korintofo 12:24, 25 ho.) Asafo mu asomfo a wɔyɛ adwumaden a mfaso wɔ so a wokura gyinabea pa mu no yɛ pii wɔ eyi mu. Ɛmmra sɛ wɔne Yehowa adansefo anokwafo nyinaa bɛhwɛ daakye bi a daa anigye wom kwan na wɔde biakoyɛ akɔ so ama “anigye Nyankopɔn no” koma ani agye.—1 Timoteo 1:11, NW; Mmebusɛm 27:11.
Yɛsrɛ Wo Kyerɛkyerɛ Mu
◻ Ɔhaw ahorow bɛn na asafo mu asomfo betumi ahyia?
◻ Dɛn na asafo mu asomfo yerenom ne wɔn mma betumi ayɛ de aboa wɔn?
◻ Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de aboa asafo mu asomfo?
◻ Dɛn na asafo no muni biara betumi ayɛ de aboa asafo mu asomfo?
[Kratafa 17 mfoni]
Ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo de nokwaredi di wɔn asɛyɛde ho dwuma wɔ asuafoyɛ adwuma no ne asafo no mu
[Kratafa 20 mfoni]
Asafo mu asomfo a wɔanyin betumi ayɛ pii de aboa na wɔahyɛ asafo no nkuran