Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 27
DAPƐN A EFI ASE MAY 27
Dwom 6 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 10 ¶1-7 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Yohane 12-16 (Simma 10)
No. 1: Yohane 12:20-36 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Henanom na Wodii Kan Nyaa Yesu Afɔrebɔ no So Mfaso, na Dɛn Ntia?—rs-E kr. 308 ¶2-3; +w09 7/1 nkr. 11-12 (Simma 5)
No. 3: Dɛn Nti na Ɛfata sɛ Wɔfrɛ Yehowa sɛ “Onyankopɔn a Ɔma Asomdwoe”?—Rom. 15:33 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Fi Bible Adesua Ase wɔ Memeneda a Edi Kan Mu. Ɔkasa. Ma wɔmfa asɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no akyi nyɛ sɛnea yebefi adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ June mu ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyem.
15 min: Sɛnea Yebegugu Aba a Yedua no So Nsu. (1 Kor. 3:6-9) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina nsɛmmisa a edidi so yi so: (1) Dɛn na ɛma w’ani gye sankɔhwɛyɛ ho? (2) Dɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛyɛ sankɔhwɛ? (3) Wɔbɛyɛ dɛn adi nsɛnnennen a ɛte saa so? (4) Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ a, dɛn na yebetumi ayɛ de ahwehwɛ mmoa? (5) Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, ɔkwan bɛn na wofa so yɛ asɛm a mususuw ho, nhoma ko a wode gyaw no, ne ne ho nsɛm afoforo ho kyerɛwtohɔ? (6) Dɛn na woyɛ de siesie wo ho ma sankɔhwɛyɛ? (7) Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ dapɛn biara wuyi bere bi si hɔ de yɛ sankɔhwɛ?
10 min: “Fa Video Kyerɛkyerɛ.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nka sɛnea wonyaa yɛn video ahorow a wɔhwɛe no so mfaso ansa na wɔrebɛyɛ Adansefo no.
Dwom 101 ne Mpaebɔ