Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase September 2
DAPƐN A EFI ASE SEPTEMBER 2
Dwom 47 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
jr ti 13 ¶20-26 (Simma 30)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Korintofo 1-9 (Simma 10)
No. 1: 1 Korintofo 4:18–5:13 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: So Te a Wote Nka sɛ Wunim Amannifo ne Mmeae Foforo Bi Dedaw no Kyerɛ sɛ Ɛyɛ Nokware sɛ Wɔsan Wo Obi a Wawu no Bio?—rs-E kr. 317 ¶3–kr. 319 ¶1 (Simma 5)
No. 3: Kristofo Mma Yare Mpo Nsɛe Wɔn Anigye—Filip. 4:6, 7 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Akwan a Yɛbɛfa so De Nsɛmma Nhoma Ama wɔ September Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa anibu 30 kosi 60 ka nea enti a asasesin no mufo ani begye nsɛmma nhoma no ho kyerɛ. Afei, gyina asɛm a ɛda Ɔwɛn-Aban no so bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛm a ɛkanyan anigye a wobebisa. Afei ma wɔnkyerɛ kyerɛwsɛm a wɔbɛpɛ sɛ wɔkenkan. Fa ɔfã a ɛne “Bible no Adwene” a ɛwɔ Nyan! no mu nso di dwuma saa ara, na sɛ bere wom a, ka nsɛmma nhoma no mu biako mu asɛm foforo bi ka ho. Ma wɔnyɛ sɛnea yebetumi de nsɛmma nhoma no mu biara ama ho ɔyɛkyerɛ.
10 min: So Woasiesie Wo Ho Ama Sukuu Afe a Ɛreba No? Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nkyerɛ nsɛnnennen a Kristofo mmofra behyia wɔ sukuu mu no bi. Kyerɛ sɛnea awofo betumi de Index, Young People Ask nhoma ahorow no, yɛn Intanɛt dwumadibea ne asafo no nnwinnade afoforo ayɛ Abusua Som de asiesie wɔn mma ma wɔagyina nsɛnnenen a wobehyia wɔ sukuu mu no ano. (1 Pet. 3:15) Paw asɛmti biako anaa abien fi yɛn nhoma ahorow yi mu, na ka emu nsɛm a ebetumi aboa no bi. Ma atiefo nka sɛnea wotumi dii adanse bere a na wɔwɔ sukuu mu no nkyerɛ.
10 min: Suasua Barnaba Nhwɛso No. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Ma atiefo nka sɛnea Barnaba nhwɛso a yebesuasua no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ asɛnka adwuma no.
Dwom 65 ne Mpaebɔ